Zynnell Zuh

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Lydia Zynnell Zuh (wɔwoo no July 18, 1990) yɛ Ghanani ntadehyɛ ho ɔbenfo, odiyifo, ɔkyerɛwfo, ɔyɛkyerɛfo, television so nipa ne ɔyamyefo a ofi Volta mantam mu wɔ Ghana . Ɔde ne ho bɔɔ Ghana sini adwuma wɔ afe 2004 mu na ɛfiri saa berɛ no wanya abasobɔdeɛ ahodoɔ bi wɔ n’adwuma ho a nea ɛka ho ne, Glitz Style Awards, City People Entertainment Awards ne Golden Movie Awards .

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Zynnell Zuh wɔ Accra, Ghana. Ɔnyaa ne ntoaso sukuu adesua wɔ Wesley Girls Senior High School . Na afei ɔkɔɔ so wɔ Ghana Sukuupɔn mu baabi a onyaa abodin krataa wɔ Asase ne Amanneɛbɔ Adesua mu .

Adwuma[sesa]

Zynnell Zuh bɛkaa Ghana Movie Industry ho wɔ afe 2004 mu. Nea edi kan a ɔdaa ne ho adi wɔ screen so ne TV so dwumadi a ɛne ‘Sticking to the Promise’ a Point Blank Media yɛe no. Oyikyerɛfoɔ yi a Shirley Frimpong-Manso na ɔhunuu no no, gyee din wɔ afe 2010 mu berɛ a ɔdii dwuma wɔ television so agodie ne sini ahodoɔ pii mu, a ‘Tears of a Smile’ ka ho. Akyiri yi ɔde ne ho hyɛɛ siniyɛ mu baabi a ɔyɛɛ When Love Comes Around, a ɛnyaa abasobɔdeɛ wɔ 2015 Africa Magic Viewer’s Choice abasobɔdeɛ mu.

Nnwuma[sesa]

Ɔyɛɛ Bere a Ɔdɔ Ba, Ɔdɔ a Ɛmfa Ho ne Anniversary.

Adɔeyɛ[sesa]

Ɛde besi afe 2016 no, na ɔyɛ United Against Child Poverty Campaign, nhyehyɛe a African Rights Initiative International yɛe de boa ma wɔtu mmofra ohia ase wɔ Afrika no ananmusifo. Ɔsan nso yɛ Inspire Africa NGO no Patron.

Sini ho mfoniniyɛ[sesa]

Wayɛ sini ahorow pii a nea ɛka ho ne:

  • Adams Apples

Seduction[sesa]

  • Single six
  • When Love comes around
  • Love Regardless
  • Anniversary
  • Just Married
  • Hire a Man
  • Shampaign
  • Deranged
  • Crazy Lovely Cool (Musical Drama Series)
  • The Table
  • Life and Living It
  • Different Shades of Blue
  • For Better For War
  • Wannebe
  • Deadline

Abasobɔde ne nnipa a wɔde wɔn din ma[sesa]

Year Event Prize
2013 City People entertainment awards Best supporting actress
2016 Golden Movie awards Best Actress in a Drama 2016 ‘ANNIVERSARY’
2016 Glitz Style Awards Most Stylish Movie Star
2016 Zafaa Awards Best Actress Drama
2017 Golden Movie Awards Best Actress Drama
2017 Glitz Style Awards Most Stylish Movie Star
2017 Eurostar Limousine's Ghana Fashion Review Panel prize Best Dressed Celebrity on the Red Carpet
2018 International Achievement Recognition Awards (IARA)
2018 Spice Style Awards Best Female Lead in a Movie
2018 Ghana Makeup Awards Most Glamorous Celebrity
2019 Green October Awards
2019 Glitz Style Awards Best Dressed Celebrity on the Red Carpet

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]