Yo Baby

Ɛfi Wikipedia

Yo babySouth Africa odwontofo Brenda Fassie studio album a ɛto so ason a CCP Records yii no adi wɔ November 6, 1992. Lyrically, album no, yɛ nnwom a ɛfa ɔdɔ, asaw, getto asetena ne abusuabɔ ho. Album no bɛyɛɛ Fassie album a wɔtɔn no kɛse, ɛwoo singles a edii yiye te sɛ "Istraight Lendaba", "Boipatong".[1]

Wɔ dwom "Boipatong" mu nsɛm mu no, Fassie bua Boipatong okunkɛse (June 14, 1992), a ɛmaa wokunkum kurow no mufo 42, wɔ dwom a ɔde awerɛkyekyesɛm kɔma wɔn a wɔhweree wɔn adɔfo no mu. Wɔ dwom "Istraight Le Ndaba" so no, Lyrically ɛkaa tebea abien ho asɛm; Nea edi kan wɔ dwom no so no ɔkaa jackrolling asɛm a na ɛyɛ asetra mu asɛm kɛse saa bere no ho dwuma na nea ɛto so abien no na ɔreka akyerɛ nkurɔfo no sɛ wɔnnwen wɔn adwuma no ho titiriw Media na "wɔmma no ntra ase".[2]

  1. https://www.bizcommunity.com/Article/196/82/75491.html
  2. https://www.news24.com/xArchive/Archive/Brenda-Fassie-1964-2004-20040510