Yaw Frimpong Addo

Ɛfi Wikipedia

Frimpong Yaw Addo yɛ Ghana amammuifoɔ ne Mmrahyɛbadwa [1]a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana Aman a ɛtɔ so nnan no muni ne mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nwɔtwe a ɛwɔ Ghana a ɛtɔ so nnan a ɔgyina Manso Adubia Mansin ananmu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so. [2] . Mprempren ɔyɛ Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ Aduan ne Kuadwuma so.[3][4][5][6][7]

Abrabɔ Ashasiɛ ni Adesua[sesa]

Wɔwoo Addo Kwasida, 2nd September 1962 wɔ kuro bi a wɔfrɛ no Manso Gyeduako mu wɔ Amansie South District wɔ Ashanti Mantam mu. Ɔnyaa ne Bachelor of Arts abodin krataa wɔ Sociology ne Diploma wɔ Borɔfo kasa mu wɔ University of Cape Coast wɔ afe 1990. Ɔsan nso nyaa ne Executive Masters adansedie krataa wɔ Conflict, Peace and Security mu wɔ afe 2016 mu wɔ Kofi Annan International Peace Keeping Training Center wɔ Accra.[2][3][8][9][10]

Adwuma[sesa]

Na Addo yɛ Nnwumakuw Asetra mu Asɛyɛde Dwumadibea, Ankorankoro Nnwuma Fapem no sohwɛfo. Na ɔsan yɛ Social and Environment impact ho ɔbenfo wɔ Comptran Engineering. Na ɔsan yɛ Asetena ne Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia nkɛntɛnso ho ɔbenfo wɔ Transtel Consult. Na ɔsan yɛ nhyehyɛe ahorow ho nkitahodifo panyin wɔ National Democratic Institute for International Affairs.[2]

Amammui mu adwuma[sesa]

Addo yɛ New Patriotic Party no muni na mprempren ɔyɛ mmarahyɛ baguani ma Manso Adubia Constituency wɔ Ashanti Mantam mu.[8] Ɔbɛyɛɛ MP a odi kan wɔ ne mansin mu bere a ɔdaa ne ho adi wɔ 2012 Ghana Amansan Abatow mu no. Afei wɔsan paw no bio maa ne mprenu so wɔ afe 2016 Ghana Amansan Abatoɔ mu baabi a ɔnyaa abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 69.86%.[2]Wɔ afe 2020 Amansan abatoɔ mu no, ɔdii nkonim wɔ mmarahyɛ bagua no mu a ɔnyaa abatoɔ 17,652 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 38.8% berɛ a NDC mmarahyɛ bagua no muni Simon Kwaku Agyei nyaa abatoɔ 10,753 a ɛyɛɛ abatoɔ no nyinaa mu 23.6%. Independent kandifoɔ Kofi Osei-Afoakwa nso nyaa abatoɔ 17,149 a ɛyɛ 37.7% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu.[11]

Ɔhyiaa pawfoɔ boayikuo no wɔ 3 June 2021 na ɔfirii adi yie sɛ Kuadwuma soafoɔ Abadiakyiri.[1]

Addo yɛ Ohia Tew Ho Nhyehyɛe Boayikuw no muni na ɔsan yɛ Atwa Yɛn Ho Ahyia, Nyansahu ne Mfiridwuma Boayikuw no muni.[2]

Asetenam mu nsɛm[sesa]

Ɔyɛ Kristoni na waware a ɔwɔ mma baanum.[2][8] Ɔpɛ kuayɛ ne bɔɔlbɔ.[3]


Bɛbia Mmoa Efiri[sesa]

  1. 1.0 1.1 "Frimpong Yaw Addo", Wikipedia (in English), 2023-08-18, retrieved 2023-10-02
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 "Frimpong Yaw Addo", Wikipedia (in English), 2023-08-18, retrieved 2023-10-02
  3. 3.0 3.1 3.2 "Frimpong Yaw Addo", Wikipedia (in English), 2023-08-18, retrieved 2023-10-02
  4. "Frimpong Yaw Addo", Wikipedia (in English), 2023-08-18, retrieved 2023-10-02
  5. "Frimpong Yaw Addo", Wikipedia (in English), 2023-08-18, retrieved 2023-10-02
  6. "Frimpong Yaw Addo", Wikipedia (in English), 2023-08-18, retrieved 2023-10-02
  7. "Frimpong Yaw Addo", Wikipedia (in English), 2023-08-18, retrieved 2023-10-02
  8. 8.0 8.1 8.2 "Frimpong Yaw Addo", Wikipedia (in English), 2023-08-18, retrieved 2023-10-02
  9. "Frimpong Yaw Addo", Wikipedia (in English), 2023-08-18, retrieved 2023-10-02
  10. "Frimpong Yaw Addo", Wikipedia (in English), 2023-08-18, retrieved 2023-10-02
  11. "Frimpong Yaw Addo", Wikipedia (in English), 2023-08-18, retrieved 2023-10-02