Yareɛ a ɛfa mframa mu ɛsai

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

'Yareɛ a ɛfa mframa mu ɛsai no mpen pii no nam mmoawa a wɔte mframa mu. Saa yareɛ yi a ɛfa mframa mu ɛsai no ho hia nnipa ne mmoa apomu den mu adesua. Mmoawa nkitinkiti yi mu gu ahorow na wo tumi fa homee, kasa, ɛwa ahwensie, mfutro ɛne ɛkwan ahorow a ɛte saa.[1]

Mpen pii no, saa mmoawa yi ma ɛkuro anaa yaw bi ba wo hwene mu, mene mu ɛne ahrawa mu. Saa ɛkuro yi ma nnipa bɔ wa ne nsunsuano ahorow a ɛka nipa dua no.

Nframa mu yareɛ no bi ne corona virus, ntobro (measles), chicken pox, nsaman wa (tuberculosis) ɛne yareɛ ahorow a ɛkeka ho. Nnipa a wonya saa yareɛ yi bi no hia afidie a ɛbɛ boa won ama won ahome.

Anisoɔ[sesa]

Yareɛ ɛfa mframa mu sai no nam mmoawa nkitinkiti bi a wɔ wɔ saa mframa no mu. Mmoawa nkitinkiti a wɔde yareɛ ba firi nnipa anaa mmoa akɛseɛ a nsu bɔne bi firi wɔn mu, ɛsane yareɛ bi ɛne sumina so nneɛma a ɛreprɔ. Mmoawa nkitinkiti yi wɔde yareɛ ba yi tumi fa nsuo, mfutro ɛne ntutuo mu na wotumi tena mframa mu kosi mpen dodow bi anaa kwansin dodow bi. S3 onipa bi hwensi a, ntutuo no tumi fa lorry kɛseɛ mu nyinaa.

Sɛ nnipa home saa mmoawa nkitinkiti yi kɔ won mu a, ɛtumi sei onipa no akwaa a ɛboa ma yɛ de home. ɛnyɛ abere bia na yareɛ ɛnam mframa mu sai ɛfiri mframa a mmoa nkitinkiti yi wo mu. Na mmom, mframa a aseɛ nso tumi de yareɛ ti sɛ ntihyiiwa brɛ nnipa.

Yareɛ ɛfa mframa mu trɛ nso tumi sai mmoa. Yareɛ te sɛ Newcastle mmoa yareɛ fa mframa mu na ɛsai nkokɔ ne ntakra mmoa a aka.

Kwan a ɛfa so trɛ[sesa]

Nframa bɔne ma nnipa a wɔn apomuden gyina yiye tumi nya yareɛ bi. ɛnyɛ sɛ nnipa a wote apɔ ne nnipa a wɔn aya yareɛ ɛtumi fa nframa mu sai tena dan baako mu di anim ne anim nkitahodie.

Nneɛma a ɛboa ma yareɛ trɛ no bi gyina sɛ nea ɛwie mu yɛ hyi fa wɔ dan mu ne petee mu. Nneɛma no bi ne nframa, nsuo ɛne nnipa suban ne sɛ nea ɔdi ne ho ni fa.

  • Sɛ ɛwie mu sakyera a, ɛma mmoawa nkitinkita a ɛwɔ nframa no mu no kayae wɔn ho.
  • Nnipa asetena mu nsɛm nso di dwuma kakra wɔ kwan a yareɛ fa so trɛ. Nframa mu yareɛ trɛ ntɛm wɔ nkuro kɛseɛ mu sen nkuro nketewa ne nkuraseɛ mu.
  • Nsutene anaa tadie a ɛda bɛn kuro anaa sɛ akurase tumi pae nframa mu yareɛ.
  • Sɛ kyima bi wɔ afidie a ɛde nframa ba dan mu a, etumi de yareɛ yɛ frɛ no Legionella pneumophila ba.
  • Ayaresabea a nneɛma nna n’akwan mu yiye, nso tumi yɛ bea a nframa mu yareɛ tumi trɛ.

Ahobanbo[sesa]

Kwan a yɛ fa so bɔ yɛn ho ban firi nframa mu yareɛ no bi ne paniɛ anaa sɛ aduro a yɛ de so anum, ano ne hwene akatasoɔ ana sɛ yɛ bɛ ma kwan ada yɛn ne wɔn a w’anya yareɛ no bi ntɛm. Mpo sɛ yɛ ne obi a w’anya yareɛ no nya nkitahodie a, ɛnkyerɛ sɛ wo betumi aya bi. Onipa no ahuoden tebea ɛne yareɛ mmoawa no ahuoden na ɛkyerɛ sɛ obi be nya yareɛ no bi anaa sɛ onya bi.

Yɛ tumi de antibiotics asa yareɛ mmoawa nkitinkiti yi de ba.

Apomuden mu animdefoɔ tu fo sɛ yɛnni yɛn ho ni afei nso yɛn mma kwan nna yɛn ne afofro ntɛm sɛ akwan a yɛ bɛfa so de abrɛ yareɛ no ase.

Yɛn ntumi nsi yareɛ ɛfa nframa mu ano kwan na mmom, yɛ betumi abrɛ no ase. Kwan a yɛ betumi de abrɛ n’ase no bi ne:

  • Sɛ wo bɛma kwan ada wo ne nnipa a w’anya yareɛ no ne wo ntɛm
  • Sɛ wo bɛhyɛ ano ne hwene nkatasoɔ mmere biara wo bɛ kɔ faako a nnipa bebree ahyia wo hɔ.
  • Sɛ wo bɛkata w’ano abre biara a wo bɛbo wa anaa sɛ wo bɛ hwensi.
  • Sɛ wo de nsuo ne samina bɛhohoro wo nsa yie mpen pii wo da mu no mu.
  • Sɛ wonfa wonsa a wonhohoro yɛ nka w’anim anaa onipa foforo.

Nhwehwɛmu[sesa]

  1. Siegel JD, Rhinehart E, Jackson M, Chiarello L, Healthcare Infection Control Practices Advisory Committee. "2007 Guideline for Isolation Precautions: Preventing Transmission of Infectious Agents in Healthcare Settings" (PDF). CDC. p. 19. Retrieved 7 February 2019. Airborne transmission occurs by dissemination of either airborne droplet nuclei or small particles in the respirable size range containing infectious agents that remain infective over time and distance