Yaa Asantewa Akorae

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

Yaa Asantewa Akorae yɛ akorae a ɛwɔ Atwima Mponua mpɛsoa so wɔ Ghana.Wosii sɛ wɔde bɛbɔ Asantefoɔ kandifo Yaa Asantewaa, a na ɔyɛ ɔhemmaa wɔ Ejisu no aba so.

Wosii akorae no wɔ afe 2000 mu sɛ wɔ de bedi mfeha a Asante ko no adi no. Ne boate ne sɛ wɔde besi Asante ahenfie sɛnea ɛte pɛpɛɛpɛ wɔ afe ca.1900 mu.

Wɔ afe 2004 mu no, ogya tɔɔ akorae no mu na nneɛma ahorɔw a ɛwɔ mu no hyee koraa ma ayɔwa ne nhinna kakra bi na wotumi fae. Eisane a ogya a ɛhyee nneɛma na wotuu akorae no mu nti, akwansrafo a wɔkɔ hɔ no so ate koraa.

Wɔ October afe 2009 mu no, mpanyinfoɔ a wɔn wɔ kuro no mu de wɔn tii bɔɔ mu kae sɛ wɔpɛ sɛ wɔn ankasa siesie akorae no, na wɔ afe 2016 mu no, adwumakuo a ne din de UNICEF gyee pene sɛ ɔde sika &100 Million bɛboa wɔn. Akorae fofro no bɛkɔ so wɔ asase a ne kɛseɛ yɛ ɛka 14.

Nkekaho[sesa]