William Kwabena Aduhene

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

William Kwaben Aduhene yɛ kane Ghanani nhomasa mu kunini ne amnyɔni. ɔye Kane mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Sefwi Wiaso abatoɔ mpɛsoa so firi afe 1956 kosii afe 1965 mu. Wɔ afe 1965 mu no, ɔbɛyɛɛ mmarhye baguani a ogyina hɔ ma Wassaw –Akropong abatoɔ mpɛsoa so. Bre ɔwɔ mmarahyɛ bagua mu no, okuraa dibea ahorɔw pii; na ɔyɛ soafo abediakyire ma ɔman soafo a ɔhwɛ ma aban nyehyɛe kɔ so mmarahyɛ bagua mu, wɔpaw no akyire sɛ soafo abediakyire a ɔhwɛ ahobanbɔ so, na ɔsoom sɛ otitenani maa adwumakuo a ɛne State Diamond Corperations. Ansa na ɔde ne ho bɛhyɛɛ amanyosɛm mu no, na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ Sefwi Wiawso

Ne mmɔfrase ne nhomasua[sesa]

Wɔ woo Aduhene wɔ August da a ɛtɔ so 8, afe 1927 wɔ Aboduam wɔ Sefwi – Wiawso mansin a ewɔ Atɔe Mantam mu wɔ Ghana.  ɔhyee nhomsua ase wɔ Sefwi Wiawso Aban sukuu firi afe 1937 kosii afe 1944 ma no nyaa abodin krataa a ene Standard Seven Middle Leaving Certitificate. ɔtoaa so kɔɔ St. Augustiens College wo afe 1946 mu kosuaa ade sɛ ɔkyerɛkyerɛfni.  Owie adekyerɛ ntetee sukuu no wɔ afe 1949 ma no nyaa abodin krataa wɔ adekyerɛ mueceived his teanhers' certificate "A" and qualified as a teacher in 1949.

Nnwuma ne amanyɔsɛm[sesa]

Aduhene hyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Sefwi – Wiawso Local Council School a ɛwɔ Dabunso wɔ afe 1950 mu. Ogyaa adekyerɛ adwuma no too hɔ de ne ho kɔhyɛɛ amanyɔsɛm mu wɔ afe 1956. Wɔ afe 1956 mu no, ogyina ma wɔtoo aba wɔ ne so sɛ mmarahyɛ begauani a ogyina hɔ ma Sefwi – Wiawso abatoɔ mpɛsoa wɔ amanyɔkuo Convntions Peoples Party din mu. Okuraa saa dibea no mu kosii afe 1965 bre a ɔbeye mmarahye baguani ma Wassaw – Akropong abatoɔ mpesoa so. Okuraa saa dibea no mu kosii afe 1966 bre a wotuu Nkruma ban no gui. Bre ɔwɔ mmarahyɛ bagua mu no, okuraa dibea ahorɔw pii; na ɔye soafo abediakyire ma ɔman soafo a ɔhwe ma aban nyehye kɔ so mmarahyɛ bagua mu, wɔpaw no sɛ akyire sɛ soafo abediakyire a ɔhwɛ ahobanbɔ so. Ansa na 1966 abantuguo no bɛba no, na ɔyɛ otitenani maa adwumakuo a ɛne State Diamond Corperations

N'asetena mu nsɛm[sesa]

Aduhene waree wɔ afe 1951 mu nanso, awareɛ no gui wɔ afe 1952 mu a na ɔwɔ abɔfra baako. Wɔ afe 1959 mu no, ɔwaree Awura Jane Ghartey.

Nkekaho[sesa]