Wiem Nsakrseɛ

Ɛfi Wikipedia

wɔ sɛnea wɔtaa de di dwuma mu no, wiem nsakraeɛ fa wiase hyeɛ a ɛkrekɔ soro ne nsunsuansoɔ a ɛwɔ wɔ wiem tebea nhyehyɛeɛ no ho . Wiem nsakraeɛ San nso fa wiem tebea wɔ berɛ enten bi a atwa mu no ho. Mprempren wiase hyeɛ a ɛrekɔ soro no yɛ ntɛmntɛm sene nsakraeɛ a atwa mu no, na nea ɛde ba titiriw ne nnipa a wɔhye pɛtro a efiri aboɔ mu.[1] Petrol a efiri aboɔ mu a wɔde di dwuma, kwae a wɔutu, ne kuayɛ ne mfididwuma mu nneyɔeɛ bi ma mframa a ɛma wiem yɛ hye no yɛ kɛse, titiriw carbon dioxide ne methane.[2] Mframa a ɛma wiem yɛ hye no twetwe ɔhyew a Asase de ma bere a owia hann ayɛ hye akyi no bi. Mframa yi dodoɔ a ɛdɔɔso no kyere ɔhyew pii wɔ Asase so wiem tebea a ɛwɔ fam no mu, na ɛde hyew ba.

The global map shows sea temperature rises of 0.5 to 1 degree Celsius; land temperature rises of 1 to 2 degree Celsius; and Arctic temperature rises of up to 4 degrees Celsius.
Average surface air temperatures 2011–21 compared to 1956–76

Esiane wiem nsakraeɛ nti, anhweatam retrɛ, berɛ a ɔhyew asorɔkye ne wuram ogya reyɛ kɛse. Ɔhyew a ɛkɔ soro wɔ Arctic no ama awɔ a ɛtena hɔ daa , nsukyenee a ɛsan kɔ akyi ne po mu nsukyenee reyera.[3] Ɔhyew a ɛkɔ soro nso de ahum a ano yɛ den kɛseɛ, ɔpɛ, ne wiem tebea afoforoɔ a ɛboro so reba.[3] Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a ɛresakra ntɛmntɛm wɔ mmepɔ, akoradeɛ, ne Arctic mu no rehyɛ mmoa ahodoɔ pii ma wɔatutu akɔtena baabi foforɔ anaasɛ wɔn ase reyɛ ahye [r] Sɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛte ɔhyew a ɛbɛba daakye no so no nya nnyinasoɔ mpo a, nkɛntɛnsoɔ ahodoɔ bi bɛkɔ so mfeɛ pii. Yeinom bi ne ɛpo mu hyew, ɛpo mu acid sorokɔ.

Wien nsakraeɛ taa de ɔhyew a ano yɛ den, aduane ne nsuo a ɛho taa yɛ na, nyarewa pii, ne ahokyerɛ ba. Afei, atukɔtena nso bɛtumi afiri mu aba.[10] Wiase Apɔwmuden Kubaatan(WHO) ka sɛ wiem nsakraeɛ yɛ asiane kɛseɛ ma wiase nyinaa apɔwmuden. [rAman ne abɔdeɛ a nkwa wom bɛhyia asiane a emu yɛ den sɛ wɔanyɛ hwee amfa ansi ɔhyew ano a. R Aman a wɔdi hia no na wɔde wiase nyinaa mframa bɔne a wɔto gu no fa ketewaa bi ba, nanso wonni tumi sɛ wɔbɛsakra wɔn ho na wɔyɛ mmerɛ kɛse wɔ wiem nsakrae ho.

Wɔte wiem nsakraeɛ nkɛntɛnsoɔ pii nka dada wɔ mprempren ɔhyew a ɛyɛ 1.2 °C (2.2 °F) no mu. Ɔhyew foforoɔ bɛma saa nkɛntɛnsoɔ ahodoɔ yi ayɛ kɛse na ebetumi akanyan mmeaeɛ a ɛbɛdanedane te sɛ Greenland nsukyenee a ɛbɛyera etc.[r] Wɔ afe 2015 Paris Apam no ase no, aman no nyinaa penee so sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ hye "asen 2 °C koraa". Nanso, sɛ wɔhyɛ bɔ wɔ Apam no ase a, na wiase nyinaa hyew bɛda so ara adu bɛyɛ 2.7 °C (4.9 °F) wɔ afeha no awieɛ.[15] Sɛ wɔto ɔhyew ano hye akodu 1.5 °C a, ɛbɛhwehwɛ sɛ wɔtew mframa a wɔtow gu no so fa ansa na afe 2030 adu na wɔanya mframa bɔne a wɔtow gu no so wɔ afe 2050 mu

Wiem Nsakraeɛ Wɔ Berɛ Na Wiemhyew Nya Mmaeɛ No[sesa]

Wiase nyinaa asase ani hyeɛ a wɔasan ayɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) a atwam no mu denam proxy data a ɛfiri nnua nkaa, akoradeɛ, ne nsukyenee a ɛwɔ bruu mu so.[1]

Nnipa danee wɔn ho wɔ mfeɛ bɛyɛ apem a atwam no mu wɔ wiem tebea a ɛkyinkyini faa nsukyenee bere mu, a wiase nyinaa hyew a ɛwɔ hɔ mprempren ne 5 °C a ɛyɛ nwunu sen nnɛ.R Ɔhyew a wɔatwerɛ ansa na nnipa reba no bi ne ɔhyew a ɛyɛ hyew ne nsakrae a ɛba mpofirim bere ne bere mu, te sɛ Paleocene–Eocene Thermal Maximum mfe ɔpepem 55.5 a atwam ni.

Abakɔsɛm mu nhyehyɛeɛ ahodoɔ a ɛfa ɔhyew ne onwunu ho, te sɛ Mfinimfini Mmere no mu Ɔhyew Bere ne Nsukyenee Mmere Ketekete no, amma bere korɔ mu wɔ mmeaeɛ ahodoɔ. Ebia na ɔhyew no duu soro te sɛ afeha a ɛtɔ so 20 awieiɛ no wɔ mmeaeɛ kakraa bi.

Common Era Temperature

Na ɔhyew kakra bi na ɛwɔ afeha a ɛtɔ so 18 ne afeha a ɛtɔ so 19 mfinimfini ntam. Wim tebea ho nsɛm a ɛfa saa bere no ho fi wim tebea ananmusifo te sɛ nnua ne nsukyenee a ɛwɔ mu. Ɔhyew twerɛtohɔ ahodoɔ frii aseɛ de wiase nyinaa kaa ho asɛm bɛyɛ afe 1850

Baabi A Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 "Digital object identifier", Wikipedia (in English), 2023-08-03, retrieved 2023-08-10
  2. Handle.Net Registry, 2023-01-07, archived from the original on 2023-01-07, retrieved 2023-08-10{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  3. 3.0 3.1 "Climate change", Wikipedia (in English), 2023-08-07, retrieved 2023-08-10