Wen Xiaoyan

Ɛfi Wikipedia

Wen Xiaoyan (wɔwoo no Ɔkɔtɔberɛ 12, 1997) yɛ Chinani Paralympic agumadifoɔ. Ɔgyinaa China ananmu wɔ 2016 Summer Paralympics na ɔnyaa sika kɔkɔɔ mmienu ne dwetɛ nkonimboɔ baako. Ɔsan nso nyaa sika kɔkɔɔ nkonimbo abiɛsa wɔ 2020 Summer Paralympics a wɔyɛe wɔ Tokyo, Japan no mu.

Onyaa sika kɔkɔɔ nkonimbo wɔ mmea mmirikatu tenten T37 akansi mu ne dwetɛ nkonimbo wɔ mmea mita 400 T37 akansi mu. Wɔ mmea 4 × 100 mita relay T35-T38 akansi no mu no ɔne Jiang Fenfen, Chen Junfei ne Li Yingli boom nyaa sika kɔkɔɔ nkonimbo.

Wɔ 2017 World Para Athletics Championships a wɔyɛɛ no London, United Kingdom no, ɔnyaa sika kɔkɔɔ nkonimboɔ wɔ mmaa mmirikatuo tenten T37 akansi no mu. Mfeɛ mmienu akyi wɔ 2019 World Para Athletics Championships a wɔyɛɛ no Dubai, United Arab Emirates no ɔnyaa sika kɔkɔɔ nkontabuo mmiɛnsa ne dwetɛ nkonimboɔ baako. Onyaa sika kɔkɔɔ nkonimbo wɔ mmea mita 100 T37, mmea mita 200 T37 ne mmea mmirikatu tenten T37 akansi mu. Ɔsan nso nyaa dwetɛ nkonimbo wɔ mita 4 x 100 relay akansi no mu.

Ɔnyaa sika kɔkɔɔ wɔ mita 200 T37 akansi mu wɔ 2020 Summer Paralympics a wɔyɛɛ no Tokyo, Japan no mu. Ɔnyaa sika kɔkɔɔ nkonimboɔ wɔ mita 100 T37 mmirikatuo mu a ɔnyaa wiase kyerɛwtohɔ a ɛyɛ 13.00. Ɔsan nso nyaa sika kɔkɔɔ wɔ Long Jump T37 akansi no mu.