Wahab Suhiyini Wumbei

Ɛfi Wikipedia

Nhwɛsoɔ:Use Ghanaian English

Wahab Wumbei Suhuyini
Member of the Ghana Parliament
for Tolon Constituency
Bere
7 January 2009 – 6 January 2017
AnanmusiniUmar Abdul-Razak
Ne ho asɛm
Awo bere30 September 1955 (1955-09-30) (age 68)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

Wahab Wumbei Suhuyini (wɔwoo no Ɛbɔ, 30 afe apem, ahankron ne aduanum-num (1955)) yɛ Ghana amamanyɔni ne mmarahyɛ badwani wɔ mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nsɔn a ɛwɔ adehyeman/kwasafoman a ɛtɔ so nnan no mu na ɔgyinaa Tolon Mansin ananmu wɔ Atifi Mantam mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[1]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Suhuyini wɔ Nkramo som mu. Ɔyɛ ɔwarefo wɔ mma baanum.[1]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Suhuyini wɔ 30 Ɛbɔ 1955. Ɔfiri Gburimani, kuro a ɛwɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu.[1][2] Ɔkɔɔ nhomasua suapɔn wɔ Winneba na onyaa ne Bachelor of Education abodin krataa wɔ Ghana Kasa mu wɔ afe 1997 mu.[1][3]

Adwuma[sesa]

  • Suhuyini yɛɛ ɔpanyin abadiakyiri a ɔhwɛ ntetee so wɔ Ghana-Denmark Community Program (ahyehyɛde a ɛnyɛ aban de) wɔ Dalun[1]
  • Ɔsan yɛɛ adwuma wɔ Ghana Nhomasua Dwumadibea Choggu, JSS a ɛwɔ Tamale[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Suhuyini yɛ New Patriotic Party (NPP) no muni. Wɔ afe 2012 mu no, ɔsii akan maa Tolon mansin no wɔ NPP mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ republic a ɛtɔ so nnan abatow no mu, na ɔdii nkonim.[1]

2012 abatow[sesa]

Suhuyini gyinaa maa NPP wɔ 2012 man abatow no mu sɛ Tolon mansin no mmarahyɛ badwam ni. Ɔde mma 18,113 a ɛyɛ abatow no mu fa 48.89. Ɔdii nkunim wɔ Umar Abdul-Razak a ogyina maa National Democratic Congress, Kass Abdul Latif Tuahir a ɔne mmrahyɛbadwa kuw biara mmɔ, Ziblila Baba Issfu a ɔne PPP bɔ ne Alhassan Adam Damba a ɔne CPP bɔ. Wɔnyaa abatow no mu mma dodow 15,699, 2,478, 398 ne 361.[4]

2016 abatow[sesa]

Suhuyini gyinaa maa NPP wɔ 2016 man abatow no mu sɛ Tolon mansin no mmarahyɛ badwam ni. Ɔde mma 21,782 a ɛyɛ abatow no mu fa 50.58. Ɔdii nkunim wɔ Umar Abdul-Razak a ogyina maa National Democratic Congress, Ziblila Baba Issfu a ɔne PPP bɔ ne Salifu Samson Hussein a ɔne CPP bɔ. Wɔnyaa abatow no mu mma dodow 20,725, 304 ne 254.[5]

Beae a menyaa nsɛm no fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 1.6 Sayibu, Suhuyini Alhassan (in American English), retrieved 2023-11-05
  2. Odekro, retrieved 2023-11-05
  3. Wahab Wumbei Suhuyini, Biography, retrieved 2023-11-05
  4. Peace FM, Tolon Constituency Results - Election 2012, retrieved 2023-11-05
  5. Peace FM, Tolon Constituency Results - Election 2016, retrieved 2023-11-05