Vladimir Gelfand

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Vladimir Gelfand

Vladimir Gelfand Yɛwoo Vladimir Gelfand wɔ Ukraine akura bi a wɔfrɛ no Novoarkhangelsk, Kirovohradskyi Raion wɔ March 1 afe 1923. Gelfand wui November da ɛtɔ so 25 afe 1983 wɔ Ukraine kuro Dnipropetrovsk. Na ɔyɛ ɔkyerɛwfoɔ ne Soviet ɔsraani mu biako wɔ wiase yi nyinaa kõ a ɛtɔ so mmienu.

Gelfand gyee din paa ara esiane ne ho nsɛm ne nneɛma a esisiɛ wɔ wiase yi nyinaa kõ a ɛtɔ so mmienu ne mu a ɔkyerɛwee wɔ 1941 kosi 1946, bere a na ɔka Soviet Asafodɔm Kɔkɔɔ ne ho. Wotintim ne nnwoma no bebree wɔ Russiafoɔ kasa mu. Afei wɔkyerɛɛ ne nnwoma no mu kɔɔ Germanfoɔ ne Swedenfoɔ akasa mu. Yei ne nnwoma a edi kan ne nnwoma biako pɛ a Soviet Asafodɔm Kɔkɔɔ muni akyerɛw afa ne ho ne wiase yi nyinaa kõ a ɛtɔ so mmienu a w'atintim wɔ Germanfoɔ kasa mu.

Nnwomanhehwεmu[sesa]

Nhwehwεmu[sesa]