Vincent Kwabena Damuah

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

Nhwɛsoɔ:Infobox Politician Reverend Father Dr. Vincent Kwabena Damuah ( Oforisuo1930 – Ɔsanaa 1992) yɛ  Catholic ɔsɔfoɔ , nyamesɛm nimdefoɔ  ne ɔmanyɔnin wɔ Ghana. Na ɔka Provisional National Defence Council (PNDC) aban no ho, ɔyɛ kɔfabaaɛ  ma Afrikania Mission asɔre no, a na wɔfrɛ no Ɔsɔfo-kɔmfoɔ Damuah. Dr Damuah nyaa  Ph.D. abɔdin wɔ African Studies mu Ph.D. firii Howard University, afe 1971 mu. Ɔno ne Catholic obibinin sɔfoɔ a odi kan gyaee asɔre san n’akyi baa abosomsom mu na afei nso ɔboa twerɛɛ nwoma maa saa som yi  na ɔtoo ne din EDU. Ɛno nti ɔno na ɔhyɛɛ ekuo a wɔfrɛ no Afrikania Mission a ahyeta wɔ South Africa titiriw no ase; ma no yɛɛ opeemu wɔ Afrika nyamesom fawohodie mu nso.

Rev. Father Damuah yɛɛ Roman Catholic sɔfoɔ firi 1957 kɔsi 1982. Ɔyɛɛ Consultant of Afro-American Affairs pɛn wɔ Pittsburg diocese a ɛwɔ Amerika. Ɔsan baa Ghana 1976. Ne ho a ɔde bataa PNDC nti. Ɔpɛimaa 1982 mu na ɔtee ne som Afrikania Mission, ɔsomkuo a wɔfoa abosomsom so.

Wɔkyeree Rev. Damuah too mu wɔ Nkrumah berɛ so sɛ wabɔ Convention People’s Party (CPP) aban akyi sɛ wɔampam Bishop Reginald Richard Roseveare a na ɔyɛ Accra Anglican bishop kɔ ne kurom.  Archbishop John Kodjo Amissah, a na ɔyɛ Cape Coast Catholic bishop na ɔde n’ano too mu ma wɔgyae Rev Damuah. Armed Forces Revolutionary Council (AFRC) abosome nnan ɔmambuo berɛ wɔ 1979 mu no, na amanfoɔ de wɔn ano sii no so sɛ ɔgye nnipakum a na ɛrekɔso no tomu; wɔ berɛ a na Christan Council of Ghana mpene so. Na amanpanin mmiɛnsa nso ka wɔn a wɔkum wɔn no ho. Na ɔtwerɛɛ biribi sɛyi faa ho:

Ɛnnyɛ  sɛ yɛtan wɔn a yɛreku wɔn no, na yɛdɔ yɛn man dodo. Ɛdeɛn ne akekakeka fa nnipakum ho yi? Megyedi sɛ AFRC wɔ tumi sɛ wɔde kumfɔ bɛyɛ adwuma de apɛ ɔman no yie. Yɛrebɔ anidaso mpaeɛ mmom sɛ wɔn a ɛbɛdi fɔ no rennɔɔso.  Kristo wu asɛndua no so de gyee amansan. Yɛbɔ anidaso mpaeɛ nso sɛ wɔn a ɛsɛ sɛ owu no bɛgye atomu saa na wɔde akokoduro ne  nyamesuro agye Ghana.

Wɔde Rev. Damuah yɛɛ PNDC badwanin Ɔpɛpɔn 2, 1982, ɛmaa Catholic Church no bɔɔ no sensɛneɛ. Ɛrekɔ 1982 awieɛ no ono ara firii ɔmanbuo no mu..

  • Introduction to traditional religion: Afrikania Reformed African Traditional Religion [Religious text, Afrikania Mission, 1988] 2nd edition
  • Kwabena Damuah, African Contribution to Civilization (Accra: Nsamankow Press, 1985).
  • Damuah, Kwabena. Afrikania Handbook. Accra: Nsamankow Press, 1982.