United Gold Coast Convention amanyɔkuo

Ɛfi Wikipedia

United Gold Coast Convention' a yɛtwa no tia sɛ 'UGCC' yɛ amanyɔ kuo a yɛtee wɔ afe 1947 mu. Na wɔn botae ne sɛ wɔbɛgye faahodie ama Ɔman Ghana. Wɔn mpaninfoɔ a na wɔda kuo no ano no bi ne Kwame Nkrumah, na ɔyɛ twerɛtwerɛfoɔ ma amanyɔ kuo yi. Ntawatadie maa kuo no akannifoɔ no mu kyɛeɛ na Kwame Nkrumah tee ne ho na afei ɔtee amanyɔ kuo a ne din ne 'Convention People's Party, CPP' no, de sii n'ani so sɛ ɔbɛgye faahodie mprenmpren ama Ghana. Akyemfo kuro no mu na yɛtee amanyɔkuo UGCC.

Abakɔsɛm[sesa]

Ɛwɔ afe 1940 mu no,  abibirem' adwadifoɔ bi te sɛ George Alfred Grant (Paa Grant) yɛɛ krado sɛ wɔde wɔn sika bɛhyɛ amanyɔkuo UGCC mu sɛdeɛ  ɛbɛboa ma wɔn dwadie akɔso.  Owura JB Danquah na ɔtee amanyɔkuo yi wɔ Ɔsanaa 4, 1947 mu.  Na atitire bi sɛ ahenfo, nwomanimfoɔ ne atɛmmuafoɔ bi te sɛ, R.A Awoonor -Williams, Robert Samuel Blay, Edward Akuffo Addo ne Emmanuel Obetsebi Lamptey ka amanyɔkuo yi akannifoɔ ho.

Ɔpɛnnima 10, afe 1947 mu no, Kwame Nkrumah baa Ghana a na yɛfrɛ no Gold Coast no, bere a na w'agye JB Danquah adesrɛ sɛ ɔmmɛyɛ UGCC twerɛtwerɛfoɔ ato mu. Owura Ebenezer Ako-Adjei na ɔsusu kyerɛɛ kuo no ma wɔtoo nsa frɛɛ Nkrumah.Na Owura Ako Adjei ahyia Nkrumah wɔ Lincoln suapɔn mu dada. Paa Grant tuaa n'ahyɛnkadeɛ firi Liverpool ɛɛba Gold Coast. Na Nkrumah gye £250, bosome biara sɛ n'akatua. Nkrumah ne amanyɔkuo UGCC nhyehyeɛ wɔ faahodie gyeɛ ho no bɔɔ ebira ne saa nti ɔtee ne ho mfeɛ mmienu akyi a na ɔne wɔn ayɛ adwuma. Nkrumah tee amanyɔkuo CPP wɔ afe 1949 mu, na ɛnam so ma ɔbɛyɛɛ Ɔmanpanin a odi kan wɔ Gold Coast mu.Nkrumah ne amanyɔkuo mpaninfoɔ binom hyiaeɛ wɔ Akyemfo, mfinfini mantɔw mu, na atesɛm kyerɛ sɛ Nkrumah angye anto mu bere a yɛde nsusueɛ baaeɛ sɛ ɔmmoa na ankorɛ ankorɛ faahodie nkɔ nkan.


Wɔ afe 1951 abatoɔ mu no, UGCC mmɔdenmɔ na ansɔ ani. Afe a edi nim no, ɔne National Democratic Party amanyɔkuo no ne CPP foɔ a na w'ate wɔn ho no ka bɔɔ mu yɛɛ kuo baako a na yɛfrɛ wɔn Ghana Congress Party.