Twere Kronkron
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Sɛ yɛka sɛ Twerɛ Kronkron a, ɛno mpo ne deɛn? Twerɛ Kronkron yɛ Onyankopɔn asɛm a ɛfa Onyankopɔn ho a wɔatwerɛ agu nwoma mu a ɛno ne ade titire a ɛfa wiase abrabɔ ne wɔn a wɔyɛ Kristo akyidifoɔ no ho, Fairchild (2022). Wɔ saa nwoma yi mu na Onyankopɔn da N’apɛdeɛ ne Ne mmara adi (Eksodos 20:1), ɛsan nso kyerɛ sɛdeɛ ɔteɛ (Eksodos 34:6) ne Ne tirimupɔ a Ɔwɔ fa nnipa ho (Gyenesis 1:26). Twerɛ Kronkron da Onyankopɔn dɔ adi (Yohane 3:16). Na afei ɛyɛ nwoma a ɛkyerɛ nhyehyɛeɛ ne mmara a Onyankopɔn de ama nnipa sɛ wɔnni so wɔ asase yi so de kɔsi wiase awieeɛ. Wɔ Twerɛ Kronkron no mu no, wobɛhunu gyidie, bɔhyɛ ahodoɔ, ɔhyɛ a ɛwɔ sɛ nnipa di so ne nhwɛsoɔ a Onyankopɔn de ama nnipa. Sɛdeɛ ɔka no wɔ Yesaia nwoma no mu no.
Twerɛ Kronkron no boa ma yɛhunu Onyankopɔn, dɔ Onyankopɔn, twe bɛn Onyankopɔn, di Nakyi yie, sɛdeɛ Akristofoɔ gyidie teɛ no, Twerɛ Kronkron no na ɛma wo te Onyankopɔn ase yie na wohunu N’animuonyam nso, sɛdeɛ yɛhunu no Abraham abrabɔ mu no. Twerɛ Kronkron no kura Onyankopɔn nsusuiiɛ a ɛyɛ nkwagyeɛ ne sɛdeɛ Akristofoɔ bɛnya nkwagyeɛ ne Onyankopɔn bɔnefakyɛ wɔ ne dɔ ba Yesu Kristo mu. Anokwa, Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma nnipa ne ɔgyeɛ a Ɔpɛ sɛ ɔgye nnipa no da adi wɔ Twerɛ Kronkron no mu firi n’ahyɛaseɛ de kɔpem nwoma no awieeɛ. Twerɛ Kronkron yɛ nwoma a, wɔ honhom fa mu no, tumi wɔ mu, ɛfiri sɛ wɔgye di sɛ ɛfiri ɔsoro honhom mu na wɔde twerɛeɛ, ɛno nti na ɛwɔ din sɛ "Kronkron" no, sɛdeɛ ɛda adi wɔ Mmebusɛm nwoma no mu wɔ aseɛ ha yi:
Nyankopɔn asɛm nyinaa ho te, ɔyɛ ɛkyɛm
Ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ.(Mmebusɛm 30:5).
Twerɛ Kronkron no mu nwoma ahodoɔ na ɛdidisoɔ wɔ ha yi;
| Twere Kronkron |
|---|
|
- Mose nnwoma edikan
- Mose nnwoma eto so mmienu
- Ɔsɛnkafo
- Mmebusɛm
- Hiob
- Adiyisɛm
- Yesaia
- Yeremia
- Hesekiel
- Daniel
- Dwom
- Mateo
- Marko
- Luka
- Yohane
- Romafo
- 1 Korintofo
- 2 Korintofo
- Asomafo no Nnwuma
- 1 Tesalonikafo
- 2 Tesalonikafo
- 1 Timoteo
- 2 Timoteo
- Hebrifo
- Yakobo
- 1 Petro
- 2 Petro
- 1 Yohane
- 2 Yohane
- 3 Yohane
- Mmebusɛm
