Jump to content

Tweneboa Kodua

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

Nana Tweneboa Kodua yɛ kane ɔman hene wɔ Kumawu a ɔde ne ho bɔɔ afore maa Asantefo nkunimdie. Ɔkomfo anokye de afotuo a ɛne sɛ ansa na Asantefo betumi ade wɔn ho afiri Denkyirafo nsam wɔ Fahodieko a na ɛrekɔso mu no, gye sɛ ɔde ne kra twaso sɛ aforebɔ.[1][2][3]

Asantefo no ne Denkyirahene a ne din de Ntima Gyakari de ɔko sii ani bre bisaa wɔn sɛ wɔnye biribi a ɛhyɛɛ wɔn abufuo no. Nnipa miɛnsa na ɛde wɔn ho bɔɔ afɔree maa asanteman nkunimdie a na Tweneboa Kodua yɛ wɔn mu baako. Odii asrafo no anim kɔɔ ɔko no nanso ɛmfa ho sɛ okura akode ahorɔw pii no, wɔde afutuo maa no sɛ onni ho kwan sɛ ɔto tuo no. Eyi maa wokuu no wɔ ɔko no mu. Ɔde abisadeɛ too dwa sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔde obi a ofiri ne man mu bɔ afɔreɛ biom, esiane sɛ w’ayɛ saa ama wɔn nyinaa.[4]

Wɔkyere Ntim Gyakari wɔ Feyiase na wɔtwaa ne ti. Denkyirafo bɛyɛɛ nkoa maa Asanteman.[5]

Nkekakho

[sesa]
  1. Archive copy, archived from the original on 2021-08-02, retrieved 2021-08-02{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/features/Kumawuman-will-never-again-be-sacrificed-to-appease-or-save-Asantehene-and-or-Asanteman-650141
  3. https://en.wikipedia.org/wiki/Special:BookSources/978-1-329-84963-1
  4. Archive copy, archived from the original on 2020-10-28, retrieved 2021-08-02{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. http://www.asanteman.org/history-of-the-asante-kingdom--asanteman-.html