Tukɔtena wɔ Germany

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Germany ammamuo mmra mu no, ɔtutenani a ɔwɔ ɔman no mu wɔ ho kwan sɛ, Germany ɔman no ma no tumi a ɛbɛma no atena ɔman no mu sɛ tukɔtenani, sɛ ɔman a ɔfiri mu no basabasayɛ ɛwɔ mu a. Tukɔtena tumi kyerɛkyerɛ ma yɛte aseɛ sɛ otutenani atutenafo agyinatu kuw a ɛwɔ 1951(afe apem ahankron adunun baako) bɔ saa foɔ yi ho ban wɔ mmra mu afei nso ɛbɔ wɔn ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a aban no mmɔ wɔn nkɔ wɔn mman mu.

Bɛbia yɛ gye atutenafoɔ wɔ Germany wɔ Freiburg, Germany

Mpɛn pii no, saa ahobanbɔ yi nyinaa ka atutena anamɔn a adwumakuw a yɛfrɛ wɔn 'Federal Office for Migration and refugees'(Bundesamt für Migration and Fluchtlinge BAMF) hwehwemu hunu mu nokorɛ abrɛ a krataa twerɛ sɛm biara mma mu.[1]

Ɛwɔ afe 1993(apem ahankron ne aduokron abiesa) ne 2015 (afe mpem aduonu ne dunum) mu no, yɛ sesaa nhyehyeeɛ a na ɛda hɔ ma otutenani faahodi pii wo kwan so a ema no baa fom. bio, ɛnsan atutena ho nsɛm a esiiɛ ekɔ 2015(afe mpem aduonu ne dunum) nkyɛmu mmienu no, mpanyimfo de nhyehyeeɛ foforɔ bi baa sɛ anka yɛnfa nsesaaɛ mbra krata a na ɛkyerɛkyerɛ (ne nkyekyɛmu- section 16a GG) otutenani faahodie soɔ, seneɛ ɛbɛyɛ a ɔman biaa bɛtumi akyerɛ otutenafoɔ dodoɔ a ɔbɛtumi agye ahwɛ wɔn so wɔ kwan a ɛfata soɔ.

Germany asetena ho mmara (Aufenthaltsgesetz) etɔ sini wɔ senea ɛkyerɛ nipa titiriw a ɔye otutenafo. Wɔn asetena ho mmara ne wɔn mmara a ɛfa atutenafo (Asylgesetz) ɛnhyɛda nkyerɛ atutena ase. Weyi yɛ nsonsansoɔ a ɛfiri Federal Constitutional Court atɛmbuo ɛfa Section 16a GG a ɛwɔ German Basic Law no muɔ. Ɛwɔ krataa no fa Section 16a (1) GG no mu no, nipa a sɛbe yɛ atia ne faahodie so yɛ obi a ɔman bi anaa ɔdasanii bi anamɔntuo a ɔman bi taa akyire sɛ wɔde no ɛkɔ fiase ɛsan nipa krɔ nyamesom a wafa, ne amanekuo a otae ɛkyire anaa ade foforɔ bi pɔtee bi a ɛma nipa krɔ da nso dwa mu. Yei sɛe ɔnua krɔ faahodie, tew ne nipaban ne n'anounyam so ma ɛyi no fi ɔman no ahobanbo ne asomdwoe mu ma ɛde ahoyeraw ne anibre ba.[2]

Apɛn pii no wɔn a amanyosɛm nti wɔn nnya asomdwei no 1951 refugee convention wɔ german aman mmra mu no ma wɔn ahoban bɔ. Refugee Convetion no wɔ hɔ fi Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so aduonu anan afe apem aha nkron ne aduonu abiesa (24th December 1953) na nso mmra hyɛdenhyɛ fo kuw no mma ho kwan sɛ wɔn nyina saa mmra no so nfa ngye wɔn ntum.na mmon ɛma wɔn nyinaso sɛ wɔn nhwehwɛ wɔn nsɛm mu na w'atumi agye wɔn atum sɛ atukɔtena fo. kwan a wɔ nam so hwɛ sɛ obi fa ta sɛ wɔ ma no tukɔtena ho fahodi (2011/95/EU) ne mmra a wɔ hwɛ kaa ho wɔ afe mpem aduonu ne ason Ɔsanaa bosome mu.[3] Nnɛ section 3(1) ne (4) asylum procedure act na ɛma ho kwan sɛ wɔn gye obi ntum sɛ tukɔtena ni.[4] Nnɛ otukɔtenani a amanyɔsɛm mu nsɛm nti ɔpɛ guankɔbea no neɛmɛ bi hɔ kwan esan fahoodie a teman mu fo nya no bi. Ɛbio wɔn a wɔ pre guankɔbea no nnya amane sɛ wɔ de toto tukɔtenafo ho. faahodie a ɛwɔ ho ma teman mu fo no ɛfɛ sɛ wɔ pɛ adwuma ne sɛ wɔn nya akwantu ho nnkrataa no. Sɛ wo pɛ nhumu pii a, hwɛ german article yi "Flüchtlingseigenschaft"

Tukɔtena mmra no mw ho kwan sɛ obi biara ɔre pre sɔ mmra bɛma no ho kwan sɛ otukɔtena ni no nya fahodi sɛ obi a mmra ama ne kwan sɛ otutenani no. saa bre no mmra ma ho kwan sɛ ɔntena ɔman no mu.

Akwanmisa akwan

Sɛ obi bɛpɛ guankɔbea tukɔtena a, ɛsɛ oniiko no ankasa kɔkyerew ne din wɔ Gɛɛman beae a wogye ahɔho (Section 22 AsylVfG). Aha no, wɔyɛ oniiko no ɔman a ɔfiri mu, nnipa dodoɔ, ne bɔbeasu, ne n'abusuabɔ kyerɛwtohɔ ɛdenam 'EASY' nhyehyɛe (Erstverteilung von Asylbewerbern, "Initial Distribution of Asylum-seeker" ). Wei na ɛkyerɛ ahohɔ beae koro a wɔbɛhwɛ aguanfo no. Ɛsɛ sɛ aguanfo biara nya ahohɔ beae na sɛ wogye wɔn tom wie a, wɔn ankasa san kɔpɛ guankɔbea tukɔtena akwanmisa wɔ nnwumakuw a wɔayɛ nkabom beae ntɛm ara. Nnwumakuo a wɔayɛ nkabom a wohwɛ akwantuo ne aguanfoɔ tukɔtena na wodi Gɛɛman guankɔbea akwantuo akwanmisa ho dwuma. AsylVfG Ɔfa 13 kyerɛkyerɛ guankɔbea akwantuo akwanmisa mu sɛ: 1. Sɛ wɔbɛgye guankɔbea akwantuo akwanmisa atom a, gye sɛ ɔnanani asɛm a woakyerɛw, deɛ woaka anaa akyerɛ sɛ ohia ahobanbɔ wɔ asaasin no so fi ɔtaa a amammuifo de reba anaa ohia ahobanbɔ fi asu twa ho (bɔ obi aba) anaa wɔde no rekɔ ɔman bi mu a wɔbɛgyina ɔfa 3 (1) ataa no anaa apira no sɛnea Ɔfa 4(1) kyerɛ no.

2. Guankɔbea akwantuo akwanmisa biara na na ɛda akwanmisa a ɛbɛkyerɛ sɛnea wɔbɛbu obi ne amanaman ahobanbɔ a ɛgyina Ɔfa 1(1) no (2). Ɔnanani no nsa ntumi nka guankɔbea akwantuo akwanmisa de pɛ amanaman ahobanbɔ. Wɔbɛhyetɛ no aho akwansideɛ nso. Nsakraeɛ biara mma Ɔfa 24(2) no mu.

3. Ɔnanani biara a ɔnni nkrataa a akwanmisani no hia no nyinaa no betumi apɛ wɔ ɔman no hyeɛ no (Ɔfa 18). Sɛ ɛnyɛ nea mmra mma kwan a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ntɛm bɔ beaeɛ a wogye ahɔho amaneɛ (Ɔfa 22) anaa ɔde ɔnanani tumi anaa polisifo hwehwɛ guankɔbea (Ɔfa 19).

Ɔfa 14 AsylVfG kyerɛkyerɛ akwanmisa akwan mu. Akwanmisa akyi biara no, guankɔbea akwantuo hwehwɛfo no nya berɛ tiaa mu tena hokwan wɔ akwanmisa berɛ no mu. Ɔfa 16 AsylVfG ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ oniiko no ho biribiara kyerɛwtohɔ. Mmofra a wonnii mfeɛ 14 na mmra yi nka wɔn. Wɔn a wokura bere tia mu tena tumi krataa no nni ho kwan sɛ wɔyɛ adwuma abosome mmiɛnsa a edi a kan fi berɛ a wonyaa hokwan no. Ɛfi saa mmere yi rekɔ no, wɔwɔ hokwan sɛ wɔhwehwɛ adwuma tumi krataa, a nnwumakuw a woayɛ Nkabom no dema no. Ne nyinaa mu no, berɛ tia mu tenafo no nsa ka kwan foforo so a wɔde kɔ adwa man so. Sɛnea ɛne Ɔfa 14a AsylVfG hyia no, akwan no betumi ada nso sɛ ɛhyɛ nea wɔfrɛ no 'wiemhyɛn gyinabea kwan' (Flughafenverfahren), nsakraeɛ a wɔyɛɛ wɔ baabi a aguanfo no wiemhyɛn no nam rekɔ Gɛɛman ne wɔrepɛ guankɔbea akwantuo tumi ansa na woakɔ Gɛɛman hyeɛ mu. Ne tiawa mu no, ebedi bɛyɛ nna mmiensa ntam, na ama woatumi akɔ fie ntɛm sɔ apolisifoɔ no betumi akyerɛ sɛ aguanfo no hyɛɛ wɔn akwantuo no ase wɔ ɔman a Gɛɛmani aban no gyentom sɛ beae ɛyɛ. Wɔde nhyehyɛe yi baa sɛnea ɛbɛyɛ a aguanfo no nka wiemhyɛnbea bere tenten a ebetumi de ɔhaw aba berɛ a aguanfoɔ no retwɛn sɛ wɔbɛyɛ wɔn nkrataasɛm awie.

Guankɔbea akwantuo ho dwuma

Nnwumakuo a wɔayɛ nkabom a wohwɛ akwantuo ne aguanfoɔ (Federal Office for Migration and Refugees) wɔdi guankɔbea akwantuo akwanmisa ho dwuma. Sɛnea Guankɔbea akwantuo hwehwɛ mmra Ɔfa 10 (AsyIG anaa AsylVfG), guankɔbea akwantuo hwehwɛfo no wɔda nsakraeɛ biiara a woayɛ wɔ wɔn adrɛs a woadikan de ama akwantuo kuw (BAMF) ntɛm ara saa berɛ no mu nyinaa wɔ Gɛɛman; saa ara nso no na nsakraeɛ biara a akwantuo kuo no ankasa ayɛ no. Ɔfa a ɛho hia ankasa no wɔ guankɔbea akwantuo nhyehyɛe a obi nsa betumi aka ne sɛ wɔde no bɛhyia wɔ akwantuo beae (ofis). Wɔ afe 2016 ahohuo berɛ mu no, na guankɔbea akwantuo hwehwɛ no di abosome 5.4, sɛnea akwantuo beae(ofis) BAMF. Ne nyinaa mu no, animdefoɔ bɔ amaneɛ sɛ ɛho akontabuo no kɔ soro afe biara mu. Nsonsonoeɛ a ɛwɔ saa akontabuo no mu yɛ adeɛ a ɛba esiane sɛ BAMF de mmerɛ dodow bi to berɛ a wɔbɛfi ase edi ho gyina fi berɛ a ɔde ne nkrataasɛm de kɔ maa akwantuo ofis; wei betumi adi abosome bebree akyi. Wɔn a wɔhwɛ akwantuo no so, di kan di wɔn a ɛbɛyɛ mmerew sɛ wɔbɛsi wɔnho gyinae ntɛm, na wɔde wɔn di afoforo bɛyɛ 254,000 anim.

Akwanmisa a wonnye tom

Guankɔbea akwantuo mmra Ɔfa 29 kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wogye obi akwanmisa tom sɛ wobetumi de onipa no akɔ ɔman foforɔ a oniiko no nyinaa ɔtaa biara wɔ so. Akwanmisa a ɛda adi sɛ enni nyinasoɔ biara AsylVfG Ɔfa 29 na ɛkyerɛ nea wode bɛyɛ guankɔbea akwantuo hwehwɛfo a ofi ɔman a asomdwoe wɔ mu: wɔn nnye ne akwanmisa no ntom koraa esiane sɛ enni nyinasoɔ biara, gye sɛ ɔde nyinasoɔ ne adanseɛ a ɛtɔ asom ma na wɔagye adi sɛ ɔrehyia amammui ɔtaa wɔ ɔman a ɔman a ofi mu ɛmfa ho sɛ tebea no nyinaa nte saa. AsylVfG Ɔfa 30 kyerɛ mu sɛ wɔnnye akwanmisa a ɛda adi sɛ enni nyinasoɔ biara na Ɔfa 36 kyerɛ ɔkwan a wɔdi nsɛm bi te sei ho dwuma. Akwanmisa a wɔnnye antom esiane sɛ enni nyinasoɔ biara no wɔ ɔsiakwan bi ɛde nam bere tenten a AsylVfG Ɔfa 30 (3.1-6), ne nea Ɔfa 10 (3) Tukɔtena mmra (AufenthG) ansa na wɔrefiri ɔman no asasesin, wɔmma tukɔtena tumi krataa biara. Gye sɛ guankɔbea akwantuo hwehwɛfo a wonnye no antom na onya tukɔtena tumi krataa. Ɛho nhwɛsoɔ ne sɛ guankɔbea kwantuni kɔka Gɛɛman abusuafoɔ bi mu (Ɔfa 28 (1) AufenthG). Gɛɛman mmra ho nimdefo kuw pɛ sɛ wɔyi Ɔfa 10 (3) AufenthG fi hɔ, esiane osiakwan a ɛwɔ ho a ɛsi aguanfoɔ no ho kwan sɛ wobenya hokwan atena afebɔɔ, na ɛno na ama akwantuo ahwɛfoɔ no de berɛ tia tumi krataa ma mpɛn dodow pii. Ade foforɔ nso ne sɛ, ɛne Europa ne amanaman akwantuo mmra bɔ abira.

Atosɛm anaa nsɛm a ɛnyɛ nokware

Atosɛm anaa nsɛm a ɛnyɛ nokware a guankɔbea akwantuo hwehwɛfo de bɛhyɛ ne akwanmisa nkraa ne atorɔ foforɔ biara betumi ɔhaw kɛseɛ aba onii no do sɛnea Ɔfa 30 AsyIG. Ne titiriw ne sɛ obi ne sɛ obi obi foforo ho nsɛm a ebetumi ama awareɛ, abawoɔ, anaa sɛ sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ ɔman foforɔ so ni no ho nhyehyɛe yɛ den anaa sɛ ɛnyɛ yiyɛ koraa gye sɛ woyɛ nsakraeɛ a ɛfata. Sɛ Ɔhohoɔ no tumi de adanseɛ a ɛfata ba a, Federal Office for Migration and Refugees no twa mmara a guankɔbea hwehwɛfo no annyina nsɛm a ɛnyɛ nokware na ɛkɔ pɛe no mu. Sɛ ɛho behia a, mpaninfoɔ no tumi si gyinaeɛ, sɛ ɛho behia a, wɔtumi bu wɔn ani gu atorodi no so. Nanso, nhwehwɛmu mu betumi ama wɔbɔ oniiko akɔ ɔman a ɔfiri mu no anaa wobetwa no asu. Wɔ Gɛɛman nkurow ahodoɔ bi mu no, atosɛm anaa nsɛm a ɛnyɛ nokware betumi ama Hardship Commission no nhu onii no mmɔbɔ. Sɛ anyɛ saa nso a, atosɛm anaa nsɛm a ɛnyɛ nokware no betumi ama woatwa anaa womma onii no hokwan a ɔwɔ sɛ oguanfo.

Mmaransɛm Asotwe

Sɛ guankɔbea akwantuo hwehwɛfo wura ɔman bi a wonni nkrataa a ɛfata a, worentumi mfa wɔn nyina mmara kwan so sɛnea Mmara no Ɔfa 31 a ɛfa aguanfoɔ ho kyerɛ no, sɛ wode wɔn ho kyerɛɛ atumfoɔ no ntɛm a, na wɔde nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom ma wɔ deɛ enti a wɔnam kwan bɔne so wuraa ɔman no mu. Mmara kwan so adwene kyerɛ foforɔ nso ne sɛ wɔn a wɔtwaa atorɔ wɔ wɔn nsɛm mu no nkyerɛ sɛ kwan biara so no wɔbuu mmara so. Gye sɛ wonnya nnyinasoɔ a ɛfata. Atosɛm anaa nsɛm a ɛnyɛ nokware wɔ akwanmisa no ho dwumadie no nyɛ ne wogyina so bu atɛn nnianim ara. Nea ɛka ho no, tukɔtena mmara nnyɛ adwuma no wɔ guankɔbea hwehwɛ akwanmisa no mmfitiaseɛ no. Ɛno nti asotwe a Tukɔtena mmara Ɔfa 95 (1.5) ne Ɔfa (2) no nnyɛ adwuma. Gɛɛman mmarahyɛbedwam no nso ahyɛ da na wɔnyɛɛ asotwe biara ho mma guankɔbea hwehwɛ mmara. Tebea ahodoɔ yi na obi betumi anya asotwe: sɛ oniiko no de passporto a ɛnyɛ papa sɛnea Ɔfa 267 StGB ma kwan no a, wɔtumi de no gyina mmara kwan so; afei nso sɛ wɔdii atoro wɔ wɔn ankasa ho asɛm wɔ wɔdee guu nkrataa so no a. Ne nyinaa mu no, guankɔbea hwehwɛ mmara no mma kwan ma wɔbu saa bɔne yi sɛ ɛyɛ nsɛmmɔnedi. Nsɛmmɔnedi bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Tukɔtena Mmara no mu yɛ adwuma berɛ a wɔde atosɛm a oniiko no twae no aka nsɛm ne adanseɛ a wode kɔbɔ ɔhohoɔ no kwadu. North-Rhine Westphalia aban asoeɛ a ɛhwɛ ɔman no mu afisɛm ne atɛntenenee kyerɛ mu sɛ atosɛm anaa nsɛm a ɛnyɛ nokware a obi de gu ne akwanmisa nkrataa no ne ɔman no yiyedeɛ bɔ abira ɛfirisɛ sɛ ɛma ɔman no bɔ ka na ɛsan de ahɔhoɔ basabasayɛ ba ne nsɛmmɔnedi akuo ahodoɔ. Yei maa wɔtoo Tukɔtena Mmara no Ɔfa 55 no guu. Afei nso, ɛfi Obubuo da edi kan no, 2007, Ɔfa 96 (2.2) no bira sɛ obi bedi atoro wɔ ne nkrataasɛm mu na amma wɔsan de no ankɔ ne man mu. Kyerɛ sɛ oniiko no betumi ada afiase beyɛ afe baako (Ɔfa 95 (1) ) anaa mfeɛ mmiɛnsa (Ɔfa 95 (2) ) sɛnea ɛwɔ Tukɔtena Mmara no mu no. Ɔfa 84 ne 84a nso ma ɛda adi sɛ obi reboa obi ama woatwa atoro wɔ ne akwanmisa no mu nso yɛ bɔne a ɛho asotwe wɔ hɔ.

Mmara a wɔtwaa mu no

Ɛdi besi Ɔsanaa 1, 2015, Federal Office for Migration and Refugees na wɔhwɛ si gyinae sɛ ne krataa gu so yɛ papa bɛyɛ mfeɛ mmiɛnsa akyi a, wɔde gyinasi no too gua. Nea ɛbɛma wɔsan ahwehwɛ obi nsɛm mu de no ato afiase mfeɛ mmiɛnsa ne sɛ wɔbehu sɛ ɔyɛ nsɛmmɔnedifo anaa woayɛ nea ɛnfata. Sɛ wɔhu sɛ biribi nkɔ yie a, Foreigner's Registration Office no hwehwɛ n'kwanmisa no mu bio. Tebea bi ahodoɔ mu no, wɔtwa n'kwanmisa no mu berɛ a wohu sɛ woadi nsɛmmɔne bi no. Sɛ Federal Office for Migration and Refugees no antwa no n'kwanmisa no mu a, wɔpene oniiko m ɔtena ɔman no so afebɔɔ. Nnipa bɛyɛ 95% na woanya saa hokwan no. Wɔsan yɛ Guankɔbea Hwehwɛ Mmara mu nsakraeɛ (Gesetz sur Neubestimmung des Bleiberechts und der Aufenthaltsbestimmung), a efi ase yɛɛ adwuma no Ɔsanaa 1, 2015 na ɛboa Federal Office of Migration and Refugees na wɔhwehwɛ akwanmisa nkrataa no mu. Foreigner's Registration Office no wɔ hokwan sɛ ɔma obi tena ɔman no mu mfe mmiɛnsa, gye sɛ nsɛm tebea foforɔ bi. Ankorankorɛ Guankɔbea Akwantuo Hwehwɛ akwanmisa nkrataa nhwehwɛmu a wɔyɛ kɔ akyiri yɛ nea Conference of Ministers of the Interior in Koblenz gye toom wɔ Ɔpenimaa 3, 2015 sɛ ɛka nhyehyɛe no ho fi Ɔpɛpɔn 1, 2016: Akwanmisa Nkrataa a ɛfi Asyria, Iraq, Afghanistan ne Eritrea nyinaa fa kwan yi so esiane ahobammɔ nti.

Nnaadaasɛm a etu abasa

Wɔbɔɔ Gɛɛman mpaninfoɔ no, ne titiriw BAMF atenaeɛ a ɛwɔ Bremen no soboɔ sɛ wɔgye adamudeɛ anaa sɛ wɔnni tukɔtena mmara kwan no so yiye mfa ma ɛno enti afe 2013 ne 2016 ntam. Nhwehwɛmu daa no adi sɛ nnipa dodoɔ bɛyɛ 1,200 a wogyee wɔn toom no nkrataasɛm nyɛ deɛ ɛyɛ papa, na 18000 nso deɛ no, mpaninfoɔ san hwehwɛ mu bio. Wɔgyee Bremen asoeɛ atenaeɛ no tumi a wɔde di akwanmisa nkrataa ho dwuma no fii wɔn nsa na adwumayɛfoɔ mpaninfoɔ no nso 13: na wɔreyɛ wɔn mu nhwehwɛmu esiane katasohyɛ nti. Guankɔbea Hwehwɛ Akwantuo Akwanmisa nkoanim ne ne dodow a ɛtumi yɛ yiye

Guankɔbea hwehwɛ akwantuo akwanmisa

Ansa 2015 reba no, na akwanmisa no dodow no nkoanim no sii wɔ afe 1992 mu, berɛ a akwanmisa nkoaa 400,000 na ɛkɔɔ Gɛɛmani. Saa berɛ no, na akwansrɛfo no fi tete kuro Yugolasvia mu. Nanso, efi 1993 akyi no, (Gɛɛmani Aslyum Compromise' (Asylkompromiss)), akwanmisa dodow no so ate kraa. Wɔ 2005 mu no, akwanmisa dodow 29,000 na wɔn nsa kaeɛ. Akwansrɛ no dodow kɔɔ so baa fam afe 2007 mu nyinaa, na akwanmisa nkrataa 19,164 na Gɛɛman nsa kaeɛ, berɛ a akwanmisa 19,164 pɛ ɛkɔɔeɛ, wei beyɛɛ nea asua koraa efi afe 1977. Efi afe 2008 reba no, akwanmisa no dodow no asan apagya kɔ soro. Wɔ afe 2014 mu, akwanmisa dodow no kɔ soro sene biara fi te 1993. Nea ɛka ho ama akontabuo no kɔ soro no ne Serbia ne Makedonia aguanfo a wɔnhia visa ho nhyehyɛe biara wɔde bɛkɔ Gɛɛmani wɔ Ɔpenimaa 2009 mu. Wɔ 2013 afe no nkyɛmu a edi kan no, akontabuo no kɔɔ so bɛyɛ 90% sɛ wode toto n'afe a etwaam no ho. Na wɔn mu dodoɔ no ara fi Russia, na Asyria ne Afghanistan na ɛtoa so. Federal Office of Migration and Refugees de wɔn ani buu sɛ bɛyɛ akwansrɛ 450,000 na wɔrehwɛ anim wɔ 2015, sɛ wɔhwɛ dodow a wɔn nsa kaa wɔ no ɔfa a ɛdi kan. Akyiri yi, wɔde akontabuo foforo sɛ na dodow no yɛ 800,000. Gɛɛman Federal Office for Migration and Refugees (BAMF) de akontabuo wɔ Ɔpɛpɔn 2016 mu sɛ Gɛɛmani nsaa kaa akwanmisa dodow 476,649 ma wɔn nsa kaeɛ wɔ 2015, dodow no yɛ Asiriafoɔ (162,510), Albaniafoɔ (54,762), Kosovofoɔ (37,902), Iraqfoɔ (31,379), Serbiafoɔ (26,945), Makedoniafoɔ (14,131), Eritreafoɔ (10,990) ne Pakistanfoɔ (8,472).

Akwanmisa a wɔgye tom

Wɔ afe 2014 mu no, akwanmisa bisa dodow 202,834 na Gɛɛmani nsa kaeɛ. 128,911 na wɔsii gyinae wɔ ho. 1.8% na wɔmaa wɔn aguanfo tukɔtena tumi senea Ɔfa 16a GG ka no, 24.1% were wɔbuu wɔn sɛ aguanfoɔ sɛnea Ɔfa 3(1) AsyIG ma hokwan no, 4% nso ma wɔnyaa ahobammɔ soronko, 1.6 nso ma wɔampene ama wɔanpam wɔn ankɔ wɔn nkyi. 31.5 na wɔgyee toom. 33.4% nso na wɔnnye antom. Sɛ wɔde akwanmisa a mmara penee so no ka ho a, wɔgyee beboro akwanmisa dodow no nyinaa fa na ɛtoo mu. Wɔ 2015 mu no, Gɛɛmani yɛ nsakraeɛ wɔ guankɔbea hwehwɛ akwantuo mmara no mu, na ebeduru 49.8% (140,915 na wɔgyee toom na wɔnyaa ahobammɔ). Ɔman a wɔn nkorufoɔ ti yɛ yiye paa ne Asyria (101,419 a ɛyɛ 96%) Eritreafoɔ (9,300 agyina ho ma 92.1%) ne Iraqfoɔ (14,880 a ɛyɛ 88.6%). Nnipa dodoɔ 200,000 a na ɛsɛ sɛ wɔfri ɔman no mu no esiane sɛ wɔannye wɔn akwanmisa no antom, wɔn mu 20,914 na wɔpamee wɔn. Esiane sɛ na wɔn man no ne Gɛɛman no nkitahodie a ankɔ yiye nti na ɛmaa ɛba saa. Ogyefuo 2017 mu no, Gɛɛmani aban de wɔn abufusɛm maa aman 17 a woantumi anni wɔn asɛyɛde so. Saa aman no ne : India, Pakistan, Bangladesh ne Lebanon wɔ Asia. Afrika nso no: Algeria, Egypt, Morocco, Mali, Nigeria, Niger, Ethiopia, Tunesia, Ghana, Burkina Faso, Benin ne Guinea- Bissau. Nnipa titiriw bi a wɔn nsa bɛkaa aguanfo tukɔtena hokwan. Wɔ Mayɛ 2018 mu no, Ray Wong ne Li Tung-sing, amammui fam anoɔdenfo a ɔpri maa Hong Kong man no nyaa faahodie, nyaa aguanfo tukɔtena hokwan, berɛ a wɔantumi ansan akɔ ne man Hong Kong man no mu bio berɛ a na Hong Kong apolisifoɔ rehwehwɛ no no wɔ November 2017 mu.

Hhwɛsoɔ:[sesa]

  1. An overview of the history of asylum in Germany
  2. [BVerfG, Beschl. v. 10. Juli 1989 – 2 BvR 502, 1000, 961/86 – BVerfGE 80, 315 (334 f. und 344 ff.).]
  3. [Vom 19. August 2007 (BGBl. I S. 1970).]
  4. [Reiner Burger / Rüdiger Soldt: Registrierung von Flüchtlingen. Behörden im Handbetrieb. Frankfurter Allgemeine Zeitung. 10. Oktober 2015. Retrieved, 29tran November 2015]