Jump to content

Tinidazole

Ɛfi Wikipedia

Tinidazole a wɔde ɛdin Tindamax ne deɛ ɛkeka ho yɛ ayaresa aduro a wɔde ko tia protozoan nyarewa ahodoɔ. Saa aduro yi agye din paa wɔ Europa mantam ne aman ahodoɔ a afei na wɔretu mpɔn mu pa ara. Wɔ saa amantam ahodoɔ yi mu no, wɔde sa anaerobik amoebik ne nyarewa a mmoawammoawa nketekete de ba no. Wɔyɛɛ no afe 1972 mu na ɔka nitroimidazole antibiotic class nnuro no ho. Aduro yi, wɔde aka nnuro a ɛho hia pa ara a Wiase Nyinaa Ayaresa Adwumakuo ka ho asɛm (World Health Organization's List of Essential Medicines).