Timothy wangusa

Ɛfi Wikipedia

Timothy Wangusa (wɔwoo no afe 1942) yɛ Ugandani anwensɛm kyerɛwfo ne ayɛsɛm kyerɛwfo.[1] Ná Wangusa yɛ Uganda Akyerɛwfo Fekuw no guamtrani ne nea ɔhyehyɛɛ International PEN Uganda Centre no titrani.

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nwomasua[sesa]

Wang's fri Mumasaba abusuakuo mu, wɔwoo no wɔ Bugisu, wɔ Uganda apuei fam. Ɔsuaa Borɔfo kasa wɔ Makerere Suapɔn mu baabi a akyiri yi ɔsomm wɔ faculty, ne University of Leeds (UK). Ɔtwerɛ ne MA ne PhD wɔ British ne Afrika anwensɛm ho.

Wangusa hyɛɛ aseɛ yɛɛ adwuma wɔ Makerere Suapɔn mu wɔ afe 1969. Wɔpaw no sɛ Ɔbenfoɔ wɔ afe 1981 (nea ɔdi kan firi Bugisu). Wɔ ne kasa a ɔde gyee toom ‘Wiase a Nsɛmfua Nni Mu’ mu no, ɔhwɛɛ sɛnea nsɛmfua afi ase reyera ntease na nsakrae a ɛkɔ so fri nsɛmfua ne kasa mu bae. Akyiri yi Wangusa yɛɛ Nwomakorabea Dwumadibea Panyin ne Adwinni Adesuabea Panyin. Ɔsan nso yɛ Nwomasua Soafo wɔ Uganda Aban mu (1985–86) ne Mmarahyɛbadwanii (1989–96). Mprempren, ɔsom sɛ Ɔmampanyin Fotufoɔ Panyin Wɔ Museveni aban mu. Wangusa dii dwuma titiriw wɔ Kasa ne Nwoma Dwumadibea a wɔde sii hɔ wɔ Uganda Kristofoɔ Suapɔn, Anglikan Suapɔn a ɛwɔ Mukono no mu.[2]

Atwerɛ[sesa]

N’anwensɛm a ɔboaboaa ano Salutations: Poems 1965-1975 (1977), a wɔsan de anwensɛm foforo tintimii sɛ A Pattern of Dust: Selected Poems 1965-1990 (1994) no da ne nkuraase mfiase adi. Ayɛsɛm a wɔato din Upon This Mountain (1989) no ka Mwambu a wasi ne bo sɛ ɔbɛka ɔsoro no ho asɛm, na ɛka n’akwantuo a ɛkɔɔ mpanyin mfeɛ so no ho asɛm. [3] Abysm no de Afrikafo amanne ne mmɛ ne Kristofo sɛnkyerɛnnede bom. N’asɛmti titiriw ne sɛ wobenyin wɔ Ugandafo asetra mu ne nsɛnnennen a ɛba bere a obi nyin wɔ atetesɛm tebea mu no. Wɔada Wangusa adwuma no adi wɔ pan-African anwensɛm atenae Badilisha Poetry Radio. [4]

Nwoma a w'atwerɛ[sesa]

  • Salutations: Poems 1965-1975 (1977)
  • Upon this mountain (1989)
  • A Pattern of Dust: Selected Poems 1965-1990 (1994)
  • Anthem for Africa (1995)
  • Africa's New Brood (2006)
  • "A taxi driver on his death

Nsɛm A Wɔde Gyinaa so[sesa]

  1. "Timothy Wangusa", Wikipedia (in English), 2023-02-10, retrieved 2023-05-27
  2. "Timothy Wangusa", Wikipedia (in English), 2023-02-10, retrieved 2023-05-27
  3. "Timothy Wangusa", Wikipedia (in English), 2023-02-10, retrieved 2023-05-27
  4. "Timothy Wangusa", Wikipedia (in English), 2023-02-10, retrieved 2023-05-27