Jump to content

Thiamine

Ɛfi Wikipedia

Thiamine a wɔsan frɛ no thiamin ne vitamin B1 yɛ vitamin, aduannuro nketenkete a ɛho hia ma nnipa ne mmoa. Wohu no wɔ aduane mu na wɔsane wɔ bi a wayɛ ɛtɔn sɛ ɛyɛ aduane nnuro a wɔde ka aduane ho anaa aduro. Thiamine ahodoɔ a phosphorylated womu ho hia ma nipadua mu nneɛma bi a ɛma nipadua no yɛ adwuma, a glucose ne amino acids a ɛpaapae ka ho.

Aduane a thiamine ɛwɔ mu bi ne aburo a wɔayam, atoko, ne nam ne mpataa bi. Sɛ wɔyɛ aburo a, eyi vitamin a ɛwɔ mu no pii firi hɔ, enti wɔ aman pii mu no, wɔde thiamine ahyɛ aburo ne esam mu ma. Nnuro a wɔde ka ho ne nnuro a wɔde sa thiamine a enni nipadua mu ne ɔhaw ahodoɔ a efiri mu ba te sɛ beriberi ne Wernicke amemene mu yare na esi ano. Wɔde sa maple syrup nsu mu yare ne Leigh syndrome nso. Wɔtaa nom nnuro a wɔde ka aduane ho ne nnuro a wɔde ma wɔ ano, nanso wobetumi de nnuro a wɔde fa ntini mu anaa ntini mu nso ama.