Tanella Boni

Ɛfi Wikipedia
Tanella Suzanne Boni
Awo bere
Tanella Suzanne Boni

1954
Sukuu a w'akɔParis Suapɔn
N'adwumaAnwonsɛm Twerɛfoɔ, nwoma twerɛfoɔ

Tanella Suzanne Boni (wɔwoo no afe apem ahankron aduonum nnan, 1954) yɛ Ivorian anwonsɛm twerɛfoɔ ne nwoma twerɛfoɔ. Ɔsane nso yɛ nwomanimfoɔ, ɔyɛ Nyansapɛ ho ɔbenfoɔ wɔ Abidjan Suapɔn mu. Ɛmfa ho nkyerɛkyerɛ ne nhwehwɛmu adwuma a ɔyɛɛ no, na ɔyɛ Ɔbenfo Kuo a ɛwɔ Côte d'Ivoire no titenani firi afe apem aha nkron aduokron baako (1991) kɔ si afe afe apem ahankron aduokron nson (1997), na akyiri yi ɔhyehyɛɛ International Poetry Festival wɔ Abidjan firi afe apem ahankron aduokron nwɔtwe (1998) kɔsi afe mpem mmienu ne mmienu mu (2002).

Ne Ho Asɛm[sesa]

Wɔwoo Tanella Boni wɔ Abidjan, Côte d'Ivoire, na ɛhɔ na ɔkɔɔ ntoasoɔ sukuu, ansa na ɔkɔtoaa suapɔn adesua wɔ Toulouse, France, ne Paris Suapɔn, na wanya PhD.[1] Akyiri yi ɔbɛyɛɛ Nyansapɛ ho ɔbenfo wɔ Cocody-Abidjan Suapɔn (seesei ɛyɛ Félix Houphouët-Boigny Suapɔn), na ɔtwerɛɛ anwonsɛm, anansesɛm, anansesɛm tiawa, nsɛm ho nsɛm, ne mmofra nwoma.

Ɔyɛɛ Atwerɛfoɔ Kuo a ɛwɔ Côte d'Ivoire no titenani firi afe apem ahankron aduokron baako (1991) kɔsii afe apem ahankron aduokron nson (1997)[2] na ɔhyehyɛɛ Abidjan International Poetry Festival firi afe apem ahankron aduokron nwɔtwe (1998) kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne mmienu (2002).[3]Berɛ a na amanyɔsɛm mu akasakasa rekɔso wɔ Côte d'Ivoire (firi mfeɛ mpem mmienu ne mmienu (2002) kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne du-baako (2011)) no, ɔtuu bata kɔtenaa  France.[4][5] Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnum (2005) mu no, ɔnyaa Ahmadou Kourouma Abasobɔdeɛ wɔ ne nwoma 'Matins de couvre-feu' (Mornings after curfew). Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron (2009) mu no, ɔdii Antonio Viccaro International Poetry Abasobɔdeɛ no so nkunim. Ɛfiri mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa 2013 no, Boni kyekyɛɛ ne berɛ mu wɔ Abidjan ne Paris.[5]

Ɔyɛɛ ɔboafoɔ wɔ 2019 New Daughters of Africa a,  Margaret Busby na ɔtwerɛɛ no mu.[6]

Ne Nwoma Ahodoɔ[sesa]

  • Labyrinthe (anwonsɛm), Editions Akpagnon, Lomé 1984
  • Une vie de crabe (anansesɛm), Dakar: Nouvelles Editions Africaines du Sénégal, 1990
  • De l'autre côté du soleil (mmɔfra anansesɛm), Paris: NEA-EDICEF, 1991
  • La fugue d'Ozone (mmɔfra anansesɛm), Paris: NEA-EDICEF, 1992
  • Grains de sable (anwonsɛm), Limoges: Le bruit des autres, 1993
  • Les baigneurs du Lac rose (anansesɛm), Abidjan: Nouvelles Editions Ivoiriennes, 1995; Paris: Editions du Serpent à Plumes, 2002
  • Il n'y a pas de parole heureuse (anwonsɛm), Limoges: Le bruit des autres, 1997
  • L'atelier des génies (mmɔfra anansesɛm), Paris: Acoria, 2001
  • Chaque jour l'espérance (anwonsɛm), Paris: L'Harmattan, 2002
  • Ma peau est fenêtre d'avenir (anwonsɛm), La Rochelle: Rumeur des Ages, 2004
  • Gorée île baobab (anwonsɛm), Limoges & Ecrits des forges, Trois-Rivières (Québec), 2004
  • Matins de couvre-feu (anansesɛm), Paris: Editions du Serpent à plumes, 2005
  • Les nègres n’iront jamais au paradis (anansesɛm), Paris: Editions du Serpent à Plumes, 2006
  • Le Rêve du dromadaire (amansɛm, Muriel Diallo), Cotonou: Ruisseaux d’Afrique, 2009
  • Myriam Makeba: une voix pour la liberté (ne ho asɛm), Paris: Éditions À dos d'âne, 2009
  • Jusqu’au souvenir de ton visage (anwonsɛm), Paris: Alfabarre, 2010
  • Toute d’étincelles vêtue (anwonsɛm), La Roque-d’Anthéron: Vents d’ailleurs, 2014
  • Là où il fait si clair en moi (anwonsɛm), Paris: Éditions Bruno Doucey, 2017

Abasobɔdeɛ[sesa]

2005: Ahmadou Kourouma Prize for Matins de couvre-feu[

2009: Antonio Vicarro International Poetry Prize[3]

Abɔnten So Nkitahodie Ahodoɔ[sesa]

  1. Tanella Boni (2005-09-01), "Voyages en poésie", Africultures, vol. n° 64, no. 3, pp. 217–221, doi:10.3917/afcul.064.0217, ISSN 1276-2458, retrieved 2023-05-26
  2. Jasveer Pillay, Aliya Singh, Kerina Virasamy, Pragesh Govender, Riaan Stopforth (2022-03-31), "Hospital oxygen tank valve defrosting system", Medical Devices Innovation for Africa: enabling industrialisation, University of Cape Town Libraries, pp. 147–160, ISBN 978-0-7992-2554-9, retrieved 2023-05-26{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  3. 3.0 3.1 Tanella Boni (2003), "Jeunes poètes de Côte d'Ivoire", Africultures, vol. 56, no. 3, p. 71, doi:10.3917/afcul.056.0071, ISSN 1276-2458, retrieved 2023-05-26
  4. Polo Moji (2013-11), "DomesticatingIvoirité: Equating xenophobic nationalism and women's marginalisation in Tanella Boni'sMatins de couvre-feu(2005)", International Journal of African Renaissance Studies - Multi-, Inter- and Transdisciplinarity, vol. 8, no. 2, pp. 58–69, doi:10.1080/18186874.2013.861101, ISSN 1818-6874, retrieved 2023-05-26 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  5. 5.0 5.1 Peter Ludlow (2021-01-21), "January to March: Vaccinating Europe", European Council Studies, vol. 2021, no. 1, pp. 1–54, doi:10.11116/ecs.2021.1-3.2, ISSN 2684-3390, retrieved 2023-05-26
  6. Andrew Goldsmith, Alexander Stephan, Margaret Samuels-Kalow (2018-01), "Young adult female with ankle pain", Visual Journal of Emergency Medicine, vol. 10, pp. 110–111, doi:10.1016/j.visj.2017.11.029, ISSN 2405-4690, retrieved 2023-05-27 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)