Tafi Atome Nnoe Guankobea.

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.
Tafi Atome Monkey Sanctuary
Mona monkeys in Tafi Atome Monkey Sanctuary
LocationTafi Atome, Volta region, Ghana
Nearest cityKpando
Established1993
Mona monkeys

Tafi Atome Nnoe Guankɔbea yɛ ammamerɛ krɔnkrɔnbea a efiri ase wɔ afe 1993 mu a wɔn a wɔde bae no yɛ atuhoamafo a wfrɛ wɔn ‘’Peace Corps Volunteers’’ , na wɔn botae ne sɛ wɔbɛhyɛ nsrabea mu kena. Tafi yɛ nnoe a wɔfrɛ wɔn Mona ne Patas no atenae.[1][2]

Beae[sesa]

Guankɔbea no da beae a efiri  Nkra kuropɔn Atifi-Atɔe  mu kɔ hɔ no yɛ bɛyɛ sɛ kilomita 230 na, efiri Hohoe a ɛwɔ Frao mantam no Atɔe kɔ hɔ no nso yɛ kilomita 43.[1][2]

Abakɔsɛm[sesa]

Bɛyɛ mfie ahanu a atwam no, wohuu sɛ nnoe no wɔ osutɔe kwaebrentuo a ɛwɔ akura a wɔfrɛ no Tafi atome, na ɛhɔ yɛ krɔnkrɔnbea efiri sɛ na wɔgye di sɛ wɔ yɛ asomafo a wofiri abosom no hɔ. Efiri 1996 mu no, temanmufo no si gyinae sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho mmɔden ama wɔn kwae brentuo no ne nnoe no ada adi wɔ amansan mu, na afei nso w’ama bɛhwɛadefo nso ho kwan ama w’anya akwanya aba nsrahwɛ. Wɔn a wɔkaa wɔn ti bɔɔ mu dii saa dwumadie yi ne nkura no mu foɔ no, aban nnwumakuo ahorɔw ne nwumakuo a ɛnhyɛ aban ase. Esiane saa anamontuo yi nti, nnoe no dodoɔ akɔ anim, na kwae a nnomaa ne afofantɔ ahorɔw wɔ mu no ye nea wotumi bɔɔ ho ban. [3][3]

Nsiesie[sesa]

Wɔ Obubuo bosome, afe 2020 mu no, nsiesie ahorɔw a ɛkɔɔ so no ne akwansrafo ahohogyebea foforo, abɛforo agyananbea  a ɛfa nnipa nsɔn, ntomadan  miensa ma ahohoɔ, nnadeɔ ne pampuro a wɔde agye beae no ho ban ahyia, adan ahorɔw a wɔde aduro aka ho, hyen gyinabea ne beae a nnipa nante.[4]

Nkekaho[sesa]

  1. https://visitghana.com/attractions/tafi-atome-monkey-sanctuary/
  2. Archive copy, archived from the original on 2022-07-01, retrieved 2021-06-25{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. https://sacrednaturalsites.org/items/community-based-ecotourism-at-tafi-atome-monkey-sanctuary-ghana/
  4. https://voyagesafriq.com/2020/11/23/ghana-tourism-minister-commissions-upgraded-facilities-at-tafi-atome-monkey-sanctuary/