Stephen Willie Yeboah

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

Stephen Willie Yeboah Yɛ kane Ghanani amnyoni. Ɔsoom sɛ Soafoa a ɔhwɛ Bono ne Ahafo Mantam mu, Asante Mantam mu ne Atɔe Mantam mu. Ɔsan nso soom sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Sunyani Atoe mpɛsoa so na akyire, Dormaa abatoɔ mpɛsoa so.

Ne mmɔfrase ne Nhomsua[sesa]

Wɔ woo Stephen wɔ October da ɛtɔ 26 afe 1928 wɔ Dormaa Akwamu a ɛwɔ Bono ne Ahafo Mantam no mu.  Ɔhyɛɛ Nhomasoa ase wɔ Dormaa Ahenkuro a ɛwɔ Bono ne Ahafo Mantam mu ne Bewai a ɛwɔ Asante Mantam no mu. Onyaa abɔdin krataa a ɛne San 7 no, Otoaa so kɔɔ sukuu a ɛne Elthanus Commercial Academy a ɛwɔ Saltpond. Osuaa nkontabuo, akyerɛw, ne nhomakora ho nimdeɛ mfie mienu

Nnwuma ne Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔ afe 1950 mu no, Stephen kɔ yɛɛ adwuma wɔ sukuu a ɔkɔe no mu (Elthanus Commercial Academy) na ɔyee adwuma wɔ ho mfie mienu. Ofiri ho no, ɔkɔ kyerɛɛ ade wɔ sukuu a ɛne Dormaa Ahenkuro Commercial Secondary School. Wɔ afe 1953 mu no, ɔde n’adwuma too hɔ ma no de ho kɔdɔɔm ahwefo a wɔda adwumakuo a wɔtɔ kookoo no.

Wo afe 1954 mu no, Stephen kogyinaa ma wɔtoo ne so aba se mmarahye baguani wɔ Sunyani Atoe mpesoa so.  Ɔyee mmarahye baguani kosii afe 1966 mu bre a wotuu Nkrumah aban gui. Wɔ May da etɔ so 22, afe 1957 mu no, wɔpaw no se Soafo Abediakyire wɔ asoe a ehwe kuayɔ so. Wɔ June da edikan wɔ afe 1959 mu no, wɔpaw no se Soafo a ɔhwe Bono ne Ahafo Mantam mu na wɔ October afe 1963 mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ Asante Mantam mu. Ɔsoom wɔ saa dibea yi kosii afe 1965 mu bre a wɔpaw no Soafo a ɔhwɛ Atɔe Mantam no mu.

Nkekaho[sesa]