Stephen Nana Ato Arthur

Ɛfi Wikipedia

Stephen Nana Ato Arthur yɛ mmarahyɛ baguani ma Komenda-Edina-Ehuafo-Abirem wɔ Ghana Mfinimfini mantam mu.[1][2]

Ankorankora asetena[sesa]

Nana aware a ɔwɔ mma baasa. Ɔyɛ Kristoni (Katolekni).[1]

Abrabɔ mfitiase ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Nana wɔ 24 December 1961 wɔ Abrem Berase wɔ Central mantam mu.[1]Ɔkɔɔ KNUST baabi a na ɔwɔ MSc wɔ Development Planning and Management mu. Ɔsan nso nyaa PG Dip wɔ Ɔmantam Nhyehyɛe ne Adwumayɛ mu wɔ Universitat Dortmund wɔ Germany. Ɔsan nso nyaa ne BSc wɔ Eng mu wɔ South China Kuadwuma Sukuupɔn a ɛwɔ Guangzhou, China.[3]Ɔsan nso nyaa PhD wɔ Nkɔsoɔ Adesua mu wɔ Center of Development Research wɔ University of Bonn wɔ afe 2012 mu wɔ Germany.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Nana yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni.[1] Ɔyɛ Ɔmantam Soafoɔ wɔ Central Regional Coordinating Council wɔ Cape Coast firi May 2006-January 2009.[3]Ɔyɛ ɔmantam Ɔsoafoɔ Abadiakyiri wɔ Central Regional Coordinating Council wɔ Cape Coast firi May 2005- May 2006.[3]Ɔyɛ DCE wɔ Komenda-Edina-Eguafo-Abrem Mantam Nhyiamu no mu firi Oforisuo 2001-May 2005 wɔ Elmina.[3]

Adwuma[sesa]

Na ɔyɛ Engineer wɔ Ghana Irrigation Development Authority (GIDA) a ɛwɔ Accra firi March 1991- December 1998.[3] Ɔyɛ Ɔman Nnwuma Bagua a ɛwɔ Nkran no Adwumayɛ ho Ɔfotufoɔ firi December 1998-March 2001.[3]Ɔyɛ mprempren Amanaman Nkabom Fekuw a Ɛhwɛ Ɔmanfo Adwumayɛ ne Nnwuma So (CAPAM) no titrani Abadiakyiri,[2]

Bia a Mmoa Efiri[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 "Nana Ato Arthur", Wikipedia (in English), 2023-09-16, retrieved 2023-10-03
  2. 2.0 2.1 "Nana Ato Arthur", Wikipedia (in English), 2023-09-16, retrieved 2023-10-03
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 3.5 "Nana Ato Arthur", Wikipedia (in English), 2023-09-16, retrieved 2023-10-03