Stella Saaka

Ɛfi Wikipedia

Stella Saaka yɛ Ghanani a ɔko ma mmaa fahodie wɔ Talensi mpɛsoa so wɔ Atifi Atoe Mnatam mu wo Ghana. Mmaa a wɔn wɔ Atifi Apuei fam no yɛ nea wonni hokwan sɛ wonya wɔn ankasaa nsaase. Wonim no sɛ ɔno nkoaa ne ɔbaa a otumi maa mpanyinfoɔ no tee ase wɔ hia a ɛho hia sɛ mma nya wɔn nsaase, na eyi maa no nyaa asase a ne keseɛ bɛyɛ acre 29 de maa mmea 30 de yɛ wɔn mfuo wɔ Talensi mpɛsoa no so. Wɔ afe 2019 mu no, U.S ananmusini a ɔde Stephanie Sullivan de abasobɔde a w'ato din Ghana Women of Courage maa no. Sesei, ɔsom sɛ ɔkyerewfo ma adwumakuo a wɔhwɛ mmaa kuayɛ ho nsɛm so, a wɔn din de Women in Agriculture Platforms(WAP), aban adwuma a wɔn a wɔde won sika hyɛ mu ne US Agency for International Development (USAID)

Ekuo a ede Internaional Women of Courage Award ye oman no kuo baako pe a ehwe ma wobo mmaa a wobo won ho mmoden wo amanman mu, senea

ɔne mmaa 30 no de wɔn ho hyɛɛ kuayɛ mu wɔ asase a ne kɛseɛ yɛ 29 ɛka no so, na eyi ama mma no anya sika de boa wɔn mmuasua. Ne mmɔden bɔ no ama mmaa a wotu kɔ nkuro akɛseɛ mu wɔ ɔpɛ bre mu no so ate, esiane sɛ mmaa no nya nnwuma yɛ wɔ Talensi mpesoa no mu. Afei nso, saaka denam amanyɔsɛm so atumi ne mapnyinfo no akɔ adwenkoro mu ma mmaa anya akwanya sɛ wɔn adwenkyerɛ a ɛfa mpontuo ho no du bedwa mu. Ede besi nne, ɔne ne mfɛfo a wɔn wɔ WAP yɛ nea wogyina hɔ sɛ ananmusifo ma wɔn mpɛsoa ahorɔw so wɔ mpuntuo kuo a ɛde Medium Term Development Planning sessions.

Ntotoho[sesa]