Sophia Karen Edem Ackuaku

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Sophia Karen Edem Ackuaku
MP
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Domeabra-Obom
Mprenpren
Bere
7 January 2017
OdikanfoDaoud Anum Yemoh
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere
Sophia Karen Edem Ackuaku

7 October 1972 (1972-10-07) (age 51)
Ghana
Ne manGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma5
Sukuu a w'akɔGhana Institute of Journalism
N'adwumaConsultant
N'adwumaConsultant
CommitteesFood, Agriculture and Cocoa Affairs, Poverty Reduction Strategy Committee[1]

Sophia Karen Edem Ackuaku yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ baguani wɔ Ghana mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nnan no mu, na ɔyɛ onimusini ma Domeabra-Obom mpesua so a ɛwɔ Nkran Mantam no mu. ɔyɛ amanyɔkuo National Democratic Party (NDC) no mu ni.

Ne mmɔfrase ne Nhoma sua[sesa]

Wɔ woo Ackuaku wɔ October da a ɛtɔ so 7, afe 1972. Ofiri kuro a wɔfrɛ no Anyako a ɛwɔ Frao Mantam mu wɔ Ghana. Ackuaku anya ntete ahorɔw pii ma ɔnam saa yɛ so anya abodin krataa wɔ nnipa mu nktahodie, nneama ho dawurobɔ ne adetɔn ho firii suapɔn a ne din de Ghana Institute of Journalism. ɔsan nso kura abodin krataa firi Suapɔn a wɔfrɛ no School of Social Works a ɛwɔ Osu-Nkran mantam mu ne abodin krataa a ɛkyerɛ sɛ w’asua Dutch kasa wɔ suapɔn a ɛne Zadkine College a ɛwɔ Rotterdam, Holland. Ackuaku san nso kura abodin krataa a ɛkyerɛ sɛ w’anya asuade wɔ Adikansɛm, nnipa fahodie ne HIV/AIDS firi ekuo bi wɔfrɛ no Ark Foundation a ɛwo Ghana.

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Sophia Karen Edem Ackuaku yɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmofra nnum. ɔyɛ Kristoni.

Amanyɔsɛm[sesa]

Sophia ko sii Akan ma no dii nkonim wɔ mmarahyɛ bagua abatoɔ ma Domeabra-Obom mpesua so wɔ afe 2016. ɔne nnipa nnan na esii akan no a wɔn ne Darison Barba Mohammed a ogyinaa wɔ New Patriotic Party din mu, Ekow Jones Mensah a ogyinaa wɔ amanyɔkuo Conventions Peoples Party din mu, Gideon Dudu a ogyinaa wɔ Progressive Peoples Party din mu ne Pius Kwame Fiakuna a ogyinaa kwantenkorɔ. ɔde aba no mu 14301 a egyina hɔ ɔha mu nkyekyɛmu 68.3 dii nkunim a na aba no dodoɔ ne 21506. Sesei, ɔsom wɔ mmarahyɛ bagua kuo bi a ne din Fodd, Agriculture and Cocoa Affairs Committee ne Poverty Reduction Strategy Committee

Nnwuma ho nsɛm[sesa]

Ackuaku ayɛ nnwuma ahorow pii.  Sɛ mmarahyɛ baguani wo Ghana mmarahyɛ begua  mu no,  w’asom wɔ kuo ahorɔw a ɛne Kuo a ɛhwɛ Nnuane, Mfumnwuma ne Cocoa ho nsɛm, Kuo a ɛhwɛ nhyehyɛi ne ɔkwan a wɔnam so tu ohia ase wɔ mmarahyɛ bagua mu.  Ansa na ɔbɛyɛ mmarahyɛ baguani no, na ɔyɛ adwuma sɛ ɔkwankyerɛfo abediakyire ma adwumakuo bi a ne din de Ghana National Service Scheme firi afe 2013 kosi 2016.  Firi afe 2004 kosi 2013 no, na ɔyɛ ɔkwankyerɛfo ma adwumakuo Eligreen/Amsos Ghana Limited. Ansa na eyi no, na wayɛ adwuma sɛ ɔkwnkyerɛfo abediakyire ama adwumakuo Golden Souvenir Lotto wo Atifi Mantam mu wɔ Ghana efi 1995 kosi 2000 na ɔne adwumakuo Federation of Business Women Entrepreneurs ns oyee adwuma firi 2001 kosi 2010.

  1. "lParliament of Ghana".