Smart Havens Africa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Smart Havens Africa yɛ dwumakuo bi a wɔn dwumadie fa nnipa asetena mu nsɛm ho. Dwumakuo yi wɔ uganda na wɔn dwumadie titire ne sɛ wɔboa nkuro anaa mmaa a wɔyɛ mmerɛ ma wɔnya fie a ne boɔ nnyɛ den na ɛsan so tumi kura nnipa yie. Nea ɔtee dwumadie yi ne Anne Rweyora.

Abakɔsɛm[sesa]

Smart Havens Africa dwumakuo no, wɔtee no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunwɔtwe mu (2018).[1] Anne Rweyoro na ɛtee kuo yi. Ɔne BBC nkitahodie nkɔmɔdie mu no, ɔdaa no adi sɛ nea nti a ɔde too no ho so sɛ obedi saa dwumadie no ne sɛ, berɛ a ne papa wuuiɛ no ne papa abusuafoɔ bɛgyee fie ne agyapadeɛ a ne papa de gyaa wɔn nyinaa firii wɔn nsɛm maa wɔn asetena mu nsɛm bɛyɛ den pa ara. Wei maa no bɛhunuu sɛdea ɛteɛ sɛ wonni sika kɛseɛ a wode besi anaa bɛhan dan. Nti, ne botaeɛ a ɔde tee kuo Smart Havens Africa ne sɛ ɔbɛma nnipa ne titire mmaa a wɔwɔ abibirem bɛnya wɔn ankasa fie a ne boɔ nnyɛ den.

Dwumadie ho nsɛm[sesa]

Smart Havens Africa dwumakuo no botaeɛ ne sɛ wɔbɛ ma mmaa de sika kumaa bi bɛnya fie a wɔn mmerɛ ho. Kwan a wɔfa so si dan no ne sɛ, wɔde nea yɛka no borofo kasa mu green materials ne bolɔk a wɔn ankasa ayɛ na wɔde si wɔn adan a wɔsisi no. Sɛdeɛ wɔyɛ bolɔk (block) no boa ma ne boɔ kɔ fam na bio, bolɔk no a wɔde si adan no nso nhia sɛ wɔbɛ pelasta ho. Wei ma ɛboɔ no so te bɛyɛ ɔha nkyekyɛmu aduonum (50%). Bolɔk no a wɔde si adan no nhia egya biara na ne saa nti, ɛboa ma wɔn nsɛe abibirem nnua, na ɛsan so boa ma wɔbɔ mframa a yɛhome kɔ yɛn mu ho ban.[2]

Dwumakuo no ho mfasoɔ[sesa]

Dwumakuo yi hwɛ sɛ wɔbɛpagya Uganda mpɔtam akɔ soro na wɔn dwuma ne sɛ wɔbɛma amamfoɔ enya nsaano dwuma ho nimdeɛ ho akwanya. Wɔma mmaa ne mmabunu nteteeɛ ne dwumasua a wɔpɛ sɛ adansie anaa deɛ yɛka no real estate wɔ borofo kasa mu ho akwanya. Wɔsan so ma mma dwadiefoɔ akwanya wɔ adansie, adwumasua ne dwadie mu.[3]

Nea ɔde dwumakuo no baaeɛ[sesa]

Nea ɔtee saa dwumakuo yi ne Ann Rweyora. Anne Rweyora yɛ Ugandani san so yɛ industrial designer a na ɔnni baabi te bɛyɛ mfeɛ aduonu ne akyire a ne papa firii mu. Ann ne nea ɔhwɛ Smart Havens Africa dwumakuo no so. Ne botaeɛ a ɔde tee dwumakuo yi ne sɛ ɔbesisi adan a ne boɔ wɔ fam a ebetumi ekura nnipa a wɔyɛ mmerɛ ne wɔn a wɔn sika sua sɛ wɔde benya adan wɔ beaeɛ a fie a ɛwɔ hɔ nyinaa nsase wuranom yɛ asikafoɔ. Anne Rweyoro ayɛ Global Social Benefit institution (GSBI) mu kuoba pen. Ɔdii nkunim wɔ Africa Prize of Engineering Innovation ne Takenda Young Entrepreneur wɔ mfeɛ mpem aduonu ne aduonu mu (2020). Nea ɛhyɛɛ ne nkuran sɛ ɔbɛyɛ ma fie nya ho nsɛm ayɛ mmerɛ maa no nyaa akwanya a wɔbɔɔ ne din wɔ Royal Academy of Engineering Africa abasobɔdeɛ mu a na ɔka nnipa dunum a wɔyii wɔn sɛ wɔfata abasobɔdeɛ no ho.[1]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://www.apisummit.co.za/team-showcase/anne-k-rweyora/
  2. https://thisisafrica.me/africans-rising/smart-havens-africa-provides-cheap-housing/
  3. https://shafrica.org/who-we-are/