Shaibu Mahama Kalba
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Shaibu Mahama | |
|---|---|
| Member of the Ghana Parliament for Daboya-Mankarigu Constituency | |
| Ne ho asɛm | |
| Awo bere | 15 October 1970 |
| Ne man | Ghanaian |
| Amanyɔkuo | National Democratic Congress |
Shaibu Mahama (wɔwoo no Ɔkɔtɔberɛ 15, 1970) yɛ Ghana amannyɔni ne mmarahyɛbadwani a na ɔka mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so Nson a ɛwɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu ni a ɔgyina Daboya-Mankarigu Mansini no ananmu wɔ Atifi Mantam mu wɔ National Democratic Congress tekiti so.[1]
Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua
[sesa]Wɔwoo Mahama wɔ Ahinime bosome no da a ɛtɔ so du num (15), wɔ afe 1970. Ɔfiri Daboya, kuro bi a ɛwɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu.[2] Ɔkɔɔ Leicester Adwumayɛ Sukuu, UK na ɔnyaa ne Master of Business Administration abodin krataa wɔ sikasɛm mu wɔ afe 2001 mu.[2] Ɔsan nso kɔɔ Cape Coast Suapɔn, Ghana na ɔnyaa Bachelor of Commerce a Diploma wɔ Nwomasua mu wɔ afe 1997 mu.[2] Ɔsan nso kɔɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahunu ne Mfiridwuma so, ne Ghana Mmara Sukuu, wɔ afe 2008 ne 2010 mu.[2]
Amanyɔsɛm
[sesa]Shaibu Mahama yɛ yɛ kyiniiɛ amannyɔkuo NDC no mu ni. Wɔ afe 2012 mu no, ɔsii akan maa Daboya-Mankarigu mmarahyɛbadwa akonnwa no wɔ NDC din mu wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no tekiti so na ɔdii nkonim.[2]
Adwumayɛ
[sesa]Mmara Dwumadibea, Savanna Nkɔso a Ɛyɛ Ntɛmntɛm Badwa (SADA), Accra Dwumadibea[2]
Ankorankoro asetena
[sesa]Mahama yɛ Kramoni, na waware a ɔwɔ mma num.[2]
- ↑ Parliament of Ghana, archived from the original on 2023-10-06, retrieved 2023-10-03
- 1 2 3 MPs (in American English), retrieved 2023-10-03