Se eka ani a na aka hwene

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

Ohenkese bi tenaa ase a na owo mmoa ne agyapade ne nkoa pii nanso na owo babea biako pe. Ne saa nti na onni ne ho agoru koraa. Da biara a ohene nkoa ne ne mmoa no bedidi amee no na ato anigye ne ahurusidi wo ahenfi ho. Da biara anwumire a wobedidi awie no, afurum ba bi de anigye mmoroso huruwhuruw de ne ho yanam fam, tutu ne nan ko wim de ne nensa bobo nneema mu. Se eba no saa a na agyinamoa bi a owo ho no afre no atu no fo se onnyae nea oreye no na dabi ode asem beba. Otu no fo saa a na ode serew ne oyaw aka akyere no se, oye okuraseni nti onnim anigye. Ayinamoa kae, kae a wammua no no, oboo oguanten, abirekyi, nantwi, oponko, nkoko ne nkoa a won aka no nyinaa amanee se wontu afurum ba no fo na daakye ode asem beba. Won nyinaa nsem a na woka ne se Agyinamoa nwene ne ho, na woredwene won ho, enti se afurumba kofa asem biara ba a ono nko ara na obenya asem. Nanso nea na Agyinamoa tae ka ne se 'obi asem fa obi ho' afei nso esiane se won nyinaa bo abusua koro nti se won mu biara ho ka a obiara nso ho beka efise, 'se eka ani a na aka hwene'. Se oka saa a na obiara da no fam twee, na woreserew no. Se eba no saa a na Agyinamoa de n'asem akobutuw baabi dinn rehwe won. Da koro anwumire a won adidi amee na obiara regye nani no, Afurum yi san soo n'agorubone yi mu bio. Ode ahuruwhuruw ne ne nan tutu ara, se na Ohene babea koro yi retwa mu, Afurum tuu ne nan biako na ohenebabea yi ayaase surudu. Mmogya na erepram ohene babea a orewu yi. Nkoa no de mmirika koboo ohene amanee. Omaa wokofaa oponko de no tenaa ne so koo ayaresabea. Woduu ho no na won apon nti womaa oponko tuu mmirika tente bi a ontuu bi da de ohene babea yi koo odunsini bi ho. Wodui no na ohene babea aye onyame dea. Na ese se oponko san turu no ba fie, na obedui no na ote nka se wabre ankasa. Ohene somaa nkoa ne mponko no nyinaa kosee adofo ayi. Eyi no duu so no, na eho hia se wonoa aduan ma ahoho, nti woso oguanten mu a na sekan da ne menem, woso abirekyi mu a saa ara, nantwi ne nkoko nso ho kaa adwaa mu saa ara ma eyee awerehowsem wo fie ho. Na mmere a nkoa no renoa nnuan na woreye adwumaden no, Agyinamoa benn ho kae won nea mmere bi oka kyeree won se wontu Afurum fo no. na won nso wokae se eye nokware se, 'se eka ani a na aka whene'. Mmoadoma a wode won nkwa twaa so no nyinaa de dibem maa Agyinamoa nanso na aka akyi dedaw. Esiane se na anibre aba fie nti na obiara nni kwan a ode bema afurum aduan adi, mereka yi nso na won amantam no abo dua bi mu enti ontumi nko mma. Okom ne awerehow hyee ne so ma kosii se eduu nnanan a ayi no ho asem asi no na ono nso aye Nyame dea. Agyinamoa de awerehow kobutuw baabi dinn na okae se, 'eye ampa se, opanin tena fie ma mmofra we onanka na se worekan annankawefo a wokan no ka ho bi.'