Samuel Nyimakan

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Samuel Nyimakan yɛ Ghana amanyɔni na ɔyɛ mmrahyɛbagua a Ɛtɔ so Anan no muni a ɔgyina Wulensi Mantam a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam mu.[1]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Samuel wɔ Wulensi, kuro bi a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam mu.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔdii kan paw Samuel sɛ ɔmmɛyɛ mmrahyɛbagua no wɔ National Democratic Congress tekiti so wɔ December 2000 Ghana Amansan Abatoɔ a ɔgyinaa Wulensi Mantam a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam mu no ananmu. Ɔnyaa abatoɔ 9,537 wɔ abatoɔ 17,536 a ɛfata a wɔtoo no mu a egyina hɔ ma 54.40%. Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 16 no fa wɔ nkongua 21 a National Democratic Congress dii wɔ saa abatow no mu maa Atifi Fam Mantam no mu. Wɔpaw no sen Alhaji Sani Iddi a ofi Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no mu, Binyam S.Jangboja a ofi Ɔman Nsakrae Kuw no mu ne Ayi Abudu-Rhaman a ofi Convention Peoples Party no mu . Saa akansifoɔ yi nyaa 6,884, 837ne 278. Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 39.30%, 4.80% ne 1.60% yɛ pɛ.

Wɔamma Samuel sɛ ɔngyina hɔ sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔpaw no wɔ Wulensi Mantam mu wɔ afe 2003.

Adwuma[sesa]

Samuel yɛ obi a na ɔyɛ mmrahyɛbaguani ma Wulensi Mantam a ɛwɔ Ghana Atifi mantam mu fi afe 2001 kosi afe 2005.[1]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Ghana Parliamentary Register(1993-1996)