Samuel Anim

Ɛfi Wikipedia

Na Samuel Anim(wɔwoo no Kitawonsa bosome da a ɛtɔ so aduonu wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nkron) yɛ Ghanani a ɔde dadeɛpɔnkɔ tu mmirika kɔ akansie wɔ kwan ho. [1][2]Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron mu no, ɔnyaa dibea a wɔfrɛ no "Ghana's Road champion" na ɔkɔɔ anim dii nkunim pii wɔ gyinapɛn foforɔ wɔ Ghana nsrahwɛ mu.[3]

Abrabɔ Ahyɛaseɛ[sesa]

Wɔwoo no Kitawonsa bosome da a ɛtɔ so aduonu wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nkron, wɔ Nkran, Ghana. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron mu no, ɔnyaa dibea a wɔfrɛ no "Ghana's Road champion" na ɔkɔɔ anim dii nkunim wɔ gyinapɛn pii mu wɔ Ghana nsrahwɛ mu. [4]Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du num mu no, ɔdii nkunim wɔ gyinapɛn a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Togo nsrahwɛ mu, ɛhɔ na ɔtɔɔ so mmiɛnsa ɛna gyinapɛn a ɛdikan nso wɔ Benin nsrahwɛ no mu. Wɔ Ɔsanaa bosome da a ɛdikan no, ɔde dadeɛpɔnkɔ nyaa akwanhyia berɛ a na ɔrekɔ nteteɛ mu wɔ Aburi bepɔ so na wɔdaa no adi sɛ wafiri mu wɔ ayaresabea. [5]

  1. "Ghana's top cyclist Samuel Anim dies in motor crash"
  2. Mawuli, David (2015-08-02). "Ghana's top cyclist Samuel Anim dies in motor crash". Pulse Ghana. Retrieved 2023-11-25.
  3. "Samuel Anim". www.procyclingstats.com. Retrieved 2023-11-25.
  4. Samuel Anim".
  5. "Ghana's top cyclist Samuel Anim dies in motor crash"