Sammy B. Wusah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Sammy B. Wusah (wɔwoo no Ɔpɛpɔn 15, 1957) yɛ Ghana amanyɔni ne nwomasua ho nimdefoɔ. Ɔsan nso yɛɛ mmrahyɛbagua no muni maa Damango-Daboya mantam a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam mu.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Wusah wɔ 15 December 1957 wɔ Lingbensi-Daboya, Atifi Mantam. Ɔnyaa Bachelor of Education abodin krataa (Kuadwuma Nyansahu) UEW  wɔ afe 1999.

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Wusah yɛ Fourth Republic of Ghana mmrahyɛbagua no muni a wɔpaw no wɔ National Democratic Congress (NDC) tekiti so wɔ December 2008 Ghana amansan abatow mu sɛ mmrahyɛbagua no muni ma Damango-Daboya mantam. Ɔgyee atenaeɛ no wɔ December 2008 Ghana amansan abatoɔ no mu firii Alex Seidu Sofo hɔ a ɔnyaa abatoɔ 2,450 wɔ abatoɔ 25,364 a ɛfata a wɔtoeɛ no mu = 49.1% na ɔnyaa mmrahyɛbagua no mu dodoɔ no ara. Ɔhweree nkongua no wɔ afe 2012.

Adwuma[sesa]

Ansa na wɔrepaw no sɛ mmrahyɛbagua no muni no, na ɔyɛ adwuma sɛ sikasɛm ho ɔpanyin wɔ Ghana Nhomasua Dwumadibea a ɛwɔ West Gonja Mantam mu, Damango.

Ankorankoro asetra[sesa]

Wusah yɛ Kristoni a ɔyɛ fekubɔ wɔ Assemblies of God Asɔredan mu. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanan.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]