Saka Acquaye
Saka Acquaye (Obubuo 2,afe apem ahankron ne aduonu mmiɛnsa -ɔgyefoɔ 27,2007). Nii Addokwei Moffatt, "Saka Acquaye Passes On", Daily Graphic, via Modern Ghana, 8 March 2007. Na ɔyɛ Ghaanani nwontoni,a ɔsan nso twerɛ ahwɛgorɔ ,dua dwomfoɔ ne obi a otia ntoma mu.
N’abrabɔ ahyɛaseɛ
[sesa]Ɔwoo Saka Acquaye wɔ nkran,Sika mpoano(ɛnnɛ Ghana)wɔ obubuo 2,afe apem ahankron aduonu mmmiɛnsa,na ɔtɔ n"awofoɔ Regina ne John Akweifio mma so mmiɛnsa.Ɔhyɛɛ ne nwomasua ase wɔ Methodist sukuu mu,nkran adehyeɛ sukuu a saa berɛ no na ɛyɛ aban sukuu a wɔtete mmaamoaa nko ara ɔnyaa mmoa a ɔde bɛtoa n’adesua so wɔ Cadbury a ɛwɔ Achimota Sukuu mu.Na ɔhohoro nkukuo mu wɔ asukuufoɔ adidibea sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya aduane aduane adi aka deɛ ɔdeɛ ɔde ama no dada no ho,ɛsiane sɛ na n’awofoɔ ntumi mmoa no mma no nya aduane kakra nka deɛ yɛde ma no sukuu no ho.Berɛ a na ɔwɔ kɔlegyi no ɔbɛyɛɛ obi a na wakwadare wɔ nadeɛ ahuriahurie mu yie. Ɔbɛyɛɛ naanodinii maa nkrɔfoɔ bi wɔ National Athletic Team a na osi sika mpoano anan mu wɔ wɔ afe apem ahankron aduokron ne aduonum .Ɔno na na wakwadare wɔ ahuriahuri mu wɔ sika mpoano hɔ. Berɛ a owie n’adesua wɔ Achimota no,ɔkyerɛɛ adeɛ mfeɛ kakra wɔ St.Augustine’s kɔlegi mu a ɛwɔ oguaa wɔ afe apem ahankron ne aduonum ahyɛaseɛ mu .
N’adwuma a na odi
[sesa]Berɛ a na ɔpɛ sɛ ɔtoa n’adesua so wɔ Amerika Abrokyiman mu a na ɔnni sika no,Acquaye hyɛɛ aseɛ yɛɛ adweneɛ totoo ntoma mu,ɛno na ɔtɔn de nyaa sika .Saa berɛ no na ɔtee Black Beats Band, a na ne papa mpene so.Na ɔdɔ sɛ ɔbɛbɔ nwomtoɔ afidie a ɔde mframa na ɛbɔ, atɛntɛbɛn ne ano sankuo. Acquaye ahomegyeɛ baeɛ wɔ afe apem aha nkron aduonum mmiɛnsa mu (1953) ɛnna ɔfirii sika mpoano hɔ kɔtoaa nadesua so wɔ Pennsylvania Academy of the fine Arts. Ɔno na ɔde ekuo African Ensemble sii hɔ wɔ Amerika a na ɔyɛ ɔkandifoɔ, Ɔde nwom guu apaawa so a na edin a ɛda so ne ElEKRA.Saa ekuo yi adwomtofoɔ nyinaa yɛ Amerika adwomtofoɔ.ɔsan nso kekaa ekuo bi bɔɔ mu a na yɛferɛ wɔn African Tones.Berɛ a ɔsan firi Amerika bɛtenaa Ghana no, Ɔhyiaa Mavis Amua- Sakyi.Na sini yie yɛ adeɛ a na ɔpɛ na Saka Acquaye no dwumadie titire wɔ Obadzeng,nwom ne ahwɛgorɔ a adi afra a ɔtwereɛ no.Saa ahwɛgorɔ yi twee Osaagyefo Dr. Kwame Nkrumah adwene maa ɔhyɛɛ sɛ ɔnyɛ ahwɛgorɔ no mfa nkɔ soviet Unoin nyinaa mu.Na Acquaye wɔ ahwɛgorɔ pii a nwoma ka ho ,a na ɛyɛ ɔno ankasa dea.Ɔhaw a mprɛnmprɛn Abibiman wɔ,a na anka na ɔpɛ sɛ obue ano.Saka Acquaye ne Mavis waree ɔsanaa 4,afe apem aha nkron aduosia mmienu (1962).Ɔde n’abusua sane kɔɔ Amerika kɔtoaa nadesua so wɔ suapɔn a ɛwɔ California ,Los Angeles (UCLA) .Namfonom a ɔhyiaa wɔn no bi ne Maya Angelou ,Sunset Strip . Saka Acquaye sane baa Ghana bɛtoaa nedwumadie a na agye nadaagye no so.Berɛ a na wakɔsua adeɛ aba no; ɔkyerɛɛ Wotomei, amammerɛ kuo,adeɛ mfeɛ nkron ,berɛ berɛ a na ɔnenam Europu ne Amerika mpɛn dodoɔ no ara a ɔredi dwuma wɔ Arts Centre ne nea ɛkeka ho ,ɛnnɛ nnua akɛseɛ mmienu a oduaeɛ wɔ Arts Centre a ɛwɔ ɛwɔ ayɛ nkayɛ dum ama yɛn. Acquaye dan ne dwumadie adi wɔ fie,a ɛwɔ Alata ,wɔ Royal Academy a ɛwɔ Ingrisi abfokyiman mu,ne Amerika ne Japan . Ne nsa ano nwuma no bi no wobehunu no wɔ Bank of Ghana sika kora bea,baeɛ a ɔgye adwenkyerɛ wɔ US embassy, Ghana commercial bank sika kora bea Tema Gordon Guggisberg’s Monument a ɛwɔ Kole-Bu ayaresabea ,Guggisberg mfoni nkaedum ,Fraser ne Achimota Sukuu ,Dr.JB Danquah Circle Osu inllaid Paneling wɔ Ghana Airways Offices wɔ kooko House a ɛwɔ Lagos, Johnson Wax Conference Centre a ɛwɔ Racine ,Wisconsin ,USA ,African American Heritage Association ,Lecture hall at Wayne University Detroit ,USa, ne Cambridge suapɔn ne deɛ ɛkeka ho . Sɛ Osuani a ɔwɔ Philadelphia ,abɔdin ahodoɔ a wannya no bi ne:
The Stivinson Award - 1954
[sesa]Honorable Mention Portnoff Award - 1955 Lila Agness Kennedy Hill award - 1955 Stewardson Honorable Mention - 1955 Steward Award - 1956 Cresson European Traveling Scholarship - 1956 Eisenhower Leadership - 1956 Ware Leadership - 1958 His local honours include a CSIR Gold Award 1979; Leisure Award-1988; ECRAG Flagstar Award 1993. Adanseɛ Nsɛm Nii Addokwei Moffatt, "Saka Acquaye Passes On", Daily Graphic, via Modern Ghana, 8 March 2007. Abɔnten Nkitaho Saka Acquaye at AllMusic