Sagre Bambangi

Ɛfi Wikipedia

Sagre Bambangi (wɔwoo no Kotonimaa da ɛtɔ so mmienu, afe Apem Ahankron Aduosia-Nsia- 1966) yɛ Ghana amamyɔni ne Adehyeman a ɛtɔ so nnan no Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson no mi bi a ɔgyina Walewale Mansin ananmu wɔ Atifi Mantam mu wɔ Ɔsono kokroko Amanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP) no tekiti so.[1][2]

Sagre Bambangi
Member of the Ghana Parliament
for Walewale Constituency
Ne ho asɛm
Awo bereMay 2, 1966 (1966-05-02) (age 58)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Bambangi wɔ Nkramo som mu. Ɔyɛ ɔwarefo na ɔwɔ mma nsia.[1]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Bambangi wɔ Kotonimaa da a ɛtɔ mmienu, afe apem ahankron ne aduosia-nsia (1966). Ɔfiri Wungu, kuro a ɛwɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu.[1] Ɔkɔɔ Navrongo Senior High School na ɔnyaa SC/GCEO O level ne GCE A kevel.[3]Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn mu na ɔnyaa ne Doctor of Philosophy abodin krataa wɔ Kuadwuma mu Sikasɛm mu wɔ afe 2009 mu.[1] Ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Suapɔn a ɛhwɛ Nkɔsoɔ Adesua so firi afe apem ahankron ne aduɔkron-nson (1997) kɔsi afe mpem mmienu ne du-nsia (2016).[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Bambangi yɛ ɔsono kokroko ammanyɔkuo New Patriotic Party-NPP (NPP) no muni. Wɔ afe 2012 mu no, ɔde NPP mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ republic a ɛtɔ so nnan no tekiti so sii akan wɔ Walewale atenaeɛ no ho na ɔdii nkonim.[1]

Adwumayɛ[sesa]

Ɔyɛ sikasɛm ho ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Sukuupɔn a ɛhwɛ Nkɔso Adesua so - Wa Campus.[1]

Ɔyɛ Mmarahyɛda no mu ni firi Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ nson, mfeɛ mpem mmienu ne du-mmeɛnsa (2013) ; ɔwɔ n’ahennie afe a ɛtɔ so mmienu mu.

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 1.6 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  2. Dependence on agroecology will jeopardise our food security - Deputy Agric Minister - MyJoyOnline (in American English), 2020-12-04, retrieved 2023-11-05
  3. Sagre Bambangi, Biography, retrieved 2023-10-01