Robert Nachinab Doameng

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Robert Nachinab Doameng (wɔwoo no Ɔpɛpɔn 1, 1953) yɛ Ghana amannyɔni ne mmarahyɛbadwani a na ɔka mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so Nsia a ɛwɔ Ghana Ɔman a ɛtɔ so nnan no mu ni a ɔgyinaa Talensi Mansini no abatoɔ mpesua no so a ɛwɔ Upper East mantam no ananmu wɔ New Patriotic Party no tekiti so.

Ankorankoro asetena[sesa]

Doameng yɛ Kristoni (Katolekni). Ɔwaree (ɔwɔ mma mmiensa).[1]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Doameng wɔ obubuo bosome no da a ɛdi kan (1), wɔ afe 1953. Ɔfiri Tongo, kuro bi a ɛwɔ Upper East mantam no mu wɔ Ghana.[1] Ɔkɔɔ Cape Coast Suapɔn, Ghana na ɔnyaa ne master’s degree wɔ Environmental Management and Policy wɔ afe 2008 mu.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Doameng yɛ ɔsono amannyɔkuo (NPP) no mu ni. Wɔ afe 2012 mu no, ɔsii akan maa Talensi abatoɔ mpesua no wɔ NPP din mu wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ ɔman a ɛtɔ so nnan no tekiti so na ɔdii nkonim.[1]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01