Jump to content

Rifaximin

Ɛfi Wikipedia

Rifaximin, yɛ aduro a wɔde hwɛ akwantufoɔ a wɔn yam tu. Ɛgyina rifamycin antibayotese abusuakuo no so bi.Ɛfiri berɛ a wɔgye too mu wɔ Italy afe 1987 mu no,aman bɛboro aduasa nso agye ato mu a wɔde sa nyarewa ahodoɔ bi te sɛ irritable bowel syndrome ne hepatic encephalopathy.[1]

Yareɛ A Wɔde Hwɛ

[sesa]

Akwantufoɔ a wɔn Yam tu

[sesa]

Wɔde Rifaximin hwɛ akwantufoɔ a wɔn tu a E.Coli mmoawa a ɛwɔ mpaninfoɔ ne mmɔfra a wɔadi mfeɛ dummienu mu no.Mmoawa a ɛma akwantufoɔ yam tu no, rifaximin na ɛsi saa mmoawa no kwan mma wɔn nyini.[2]

Nsɔano Soronko

[sesa]

Wɔn a wɔn yam tu no,ɛwɔ sɛ wɔgyae rifaximin fa sɛ wɔwɔ nyarewa bi te sɛ rifabutin, rifampin, ne rifapentine. Ɛbɛtumi ama nnuro bi a ɛwɔ nipadua no mu agyae nadwuma yɛ(ɛbi te sɛ tafɔdo nnuro).

Nsunsuansoɔ

[sesa]

Rifaximin wɔ din a ɛkyerɛ sɛ ɛho nni asɛm biara ɛsiane wɔnfa no ntoatoasoɔ nti.Nhwehwɛmu a wɔyɛɛ no asupiti ankyerɛ sɛ rifaximin wɔ nsunsuansoɔ bi.Wɔanhunu owuo biara berɛ a wɔde aduro no dii dwuma no.

Beaeɛ A Ɛwɔ

[sesa]

Wɔ United States no,Salix nnuro dwumakuo na wɔtɔn rifaximin pa ara a ɛdin a wɔde tɔn ne Xifaxan.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Hoonmo L. Koo, Herbert L. DuPont (2010-01), "Rifaximin: a unique gastrointestinal-selective antibiotic for enteric diseases", Current Opinion in Gastroenterology, vol. 26, no. 1, pp. 17–25, doi:10.1097/MOG.0b013e328333dc8d, ISSN 1531-7056, PMC 4737517, PMID 19881343, retrieved 2024-08-25 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. Herbert L. DuPont (2007-07-15), "Therapy for and prevention of traveler's diarrhea", Clinical Infectious Diseases: An Official Publication of the Infectious Diseases Society of America, vol. 45 Suppl 1, pp. S78–84, doi:10.1086/518155, ISSN 1537-6591, PMID 17582576, retrieved 2024-08-25