Ransford Agyapong

Ɛfi Wikipedia

Ransford Agyapong yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛbadwani dada ma Suhum abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana.[1] Seesei, ɔne titenani ma New Patriotic Party amanyɔkuo no baasonkuo a wɔhwɛ abatoɔ ho nsɛm so wɔ Suhum abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu no so.[2]

N'abrabɔ mfitiaseɛ ne n'adesua[sesa]

Agyapong firi Suhum a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Agyapong ka mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa no ho wɔ Repɔblik a ɛtɔ so nan no mu wɔ Ghana.[4][2] N'adwuma sɛ amanyɔni no hyɛɛ aseɛ wɔ afe apem, ahankron aduokron-nan no mu berɛ a ɔgyinaa New Patriotic Party amanyɔkuo no anan mu sɛ mmarahyɛbadwani maa Suhum abatoɔ mpasua no, nanso ɔdii ntwo wɔ saa abatoɔ no mu maa Solomon Kodjoe Akwetey a na ɔgyina National Democratic Congress amanyɔkuo no anan mu no dii ne so nkunim berɛ a ɔnyaa mma dodoɔ a wɔtoeɛ no mu mpem dunwɔtwe, ɔha aduowɔtwe-baako a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu aduanan-mmiɛnsa akyiri pɔ aduokron wɔ saa afe abatoɔ no mu.[5] Ɔsan gyinaa mfeɛ mpenu Ghana abatoɔ no mu peree sɛ mmarahyɛbadwani bio, nanso saa berɛ yi de, ɔdii nkunim berɛ a ɔnyaa mma dodoɔ a wɔtoeɛ no mu mpem dunsia, ahanan aduokron-nan a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu aduonum-nan akyiri pɔ aduokron wɔ saa afe abatoɔ no mu.[6][7] Ɔde n'adwuma sɛ amanyɔni no baa awieeɛ wɔ n'afe a ɛtwa toɔ no mu wɔ mfeɛ mpenu ne nan no mu.[8]

N'adwumasɛm[sesa]

Seesei, Agyapong ne titenani ma New Patriotic Party manyɔkuo no baasonkuo a wɔhwɛ abatoɔ ho nsɛm so wɔ Suhum abatoɔ mpasua no so.[1]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 NPP Primaries: Suhum MP gets contender (in English), archived from the original on 2022-09-04, retrieved 2022-09-04
  2. 2.0 2.1 Suhum MP urges members to vote for him (in American English), 2020-02-21, retrieved 2022-09-04
  3. Suhum Former MP Supports Schools (in English), retrieved 2022-09-04
  4. IBP Inc (2018-09-03), Ghana Land Ownership and Agricultural Laws Handbook Volume 1 Strategic Information, Policies, Regulations (in English), Lulu.com, ISBN 978-1-4387-5907-4, retrieved 2022-09-04
  5. Peace FM, Ghana Election 1996 Results - Suhum Constituency, retrieved 2022-09-04
  6. Peace FM, Parliament - Suhum Constituency Election 2000 Results, retrieved 2022-09-04
  7. Ghana Election suhum Constituency Results, retrieved 2022-09-04
  8. Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Suhum Constituency, retrieved 2022-09-04