Rabies

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

This article should be merged with Kraman a ͻwͻ ne yare no a anya nkͻanim

Rabies yɛ yare bi a ɛma obi adwene yɛ kɛse wɔ nnipa anaa mmoa afoforo mu.  Ne mfitiase no, ɛba te sɛ ne obi anya atiridii. Eyi ba saa akyi a, eyinom betumi adi akyi aba: nkekaho basabasa, anigye mmoroso, nsu ho suro, ne afei nnipadua no afa horow a obi ntumi nfa nyɛ adwuma,  Ɛbere a eyi nyinaa asi no, mpɛn pii no, onii a ɔte saa taa wu. Efi bere a obi benya saa yare no, de kosi bere a ɛho nsunsuanso bɛda adi no tumi di bɛyɛ bosome mmiɛnsa, nanso, saa bere no tumi sesa: etumi yɛ nnawotwe baak, anaa mpo afe biako. Ɛbere dodow a edi no gyina bere tenten a ebedi ansa na yare no atumi akodu obi akyi nnompe mu.

Nea ɛde rabies ba ne lyssaviruses a rabbies mmoawa ne Australian bat lyssavirus kaho. Nea ɛma Rabbies trɛw ne bere a aboa a ɔwɔ yare no de ho aka obi anaa woaka obi no. Ntasu a efi aboa a ɔwɔ saa yare no betumi ama rabies mmoawa no akɔ obi hɔ. Ne nyinaa mu no, nkraman na wɔtaa nya saa yare no. Bɛboro 99% rabbies a esi nyinaa no fi nkraman. Wɔ Americas no, ampan na wɔtaa de Rabies no ba, na nea esua sen 5% de, nkraman na ɛde ba. Rodents nso, ɛtɔ mmere bi a, wotumi nya rabbies no bi. Rabies yare no kɔ aboa no adwene mu denam ne ntini ahorow no mu. Wɔhu yare no bere a ada ne ho adi no nkoaa.