Jump to content

Rabeprazole

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

'Rabeprazole, a adwakuo a wɔfrɛ wɔn Aciphex ne wɔn ɛka ho na ɛtɔn no yɛ aduro a wɔde te nsuden a ɛwɔ yafunu no mu so.Wɔde sa yamkuro,menemkuro ne nsuden beberee a ɛwɔ yafunu no mu,ɛbi ye sɛ Zollinger–Ellison syndrome.[1]Wɔtumi nso de ka nnuro binom ho de sa Helicobacter pylori. N’ahoɔden te sɛ nnuro nkae no bi (PPIs). Na wɔde fa anomu

Yareɛ a wɔde sa

[sesa]

Rabeprazole, a ɛte sɛ proton pump inhibitors, sɛ ebia omeprazole no,wɔde te nsuden ahoɔden so.[2]Saa nsunsuansoɔ yi ho hia sɛ wɔde bɛsa na wɔde asi akwan ahodoɔ a nsuden no ma ɛho mpopoeɛ no ano yɛ den,sɛ ebia yafunu no mu anaa sɛ yamkuro.

Nsunsuansoɔ

[sesa]

Baabiara no,wɔgye rabeprazole to mu,mpo berɛ a wode adi dwuma saa mfeɛ nnum no.Ɛho nsunsuansoɔ no te sɛ omeprazole.[3]

Abakɔsɛm

[sesa]

Wɔdii kan tɔn rabeprazole wɔ aburokyiman mu wɔ afe 1999 mu,afe baako ansa na wɔregye rabeprazole ato mu wɔ United States.

Asetena ne Amammerɛ

[sesa]

Mmara Kwan So

[sesa]

Wɔagye rabeprazole ato mu wɔ United States ne United Kingdom a ɛwɔ sɛ wɔma ho kwan ansa na wanom.Wɔgyee rabeprazole too mu wɔ India wɔ Ɔpɛnnimaa bosome afe mpem mmienu ne baako.Wɔgye too mu wɔ Japan wɔ afe apem ahankron ne aduɔkron nson,na aman a ɛka aburokyiman ho nso wɔagye ato mu.

Nnwumakuo din

[sesa]

Wɔatɔn rabeprazole wɔ nnwumakuo ahodoɔ din mu:

List of trade names for Rabeprazole.

Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. BNF 76: September 2018, British National Formulary (september 2018 - march 2019 ed.), London: Pharmaceutical Press, 2018, ISBN 978-0-85711-338-2, retrieved 2024-08-28
  2. Alia Dadabhai, Frank K. Friedenberg (2009-01), "Rabeprazole: a pharmacologic and clinical review for acid-related disorders", Expert Opinion on Drug Safety, vol. 8, no. 1, pp. 119–126, doi:10.1517/14740330802622892, ISSN 1744-764X, PMID 19236223, retrieved 2024-08-28 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  3. Guido Rindi, Roberto Fiocca, Anna Morocutti, Adam Jacobs, Neil Miller, Bjarni Thjodleifsson, European Rabeprazole Study Group (2005-05), "Effects of 5 years of treatment with rabeprazole or omeprazole on the gastric mucosa", European Journal of Gastroenterology & Hepatology, vol. 17, no. 5, pp. 559–566, doi:10.1097/00042737-200505000-00013, ISSN 0954-691X, PMID 15827447, retrieved 2024-08-28 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)