Professor Edward Brenya

Ɛfi Wikipedia

Ɔbenfo Edward Brenya yɛ Amanyɔsɛm ho nimdefo, Nhyehyɛe mu Nhwehwɛmufo, ne Ɔkyerɛkyerɛfo Panyin wɔ Abakɔsɛm ne Amanyɔsɛm Adesua Dwumadibea, Kwame Nkrumah Nyansahu ne Mfiridwuma Sukuupɔn mu. Ɔsan yɛ ɔmanyɛfo. [1]

Nwomasua[sesa]

Ɔnyaa ne mfitiaseɛ abodin krataa wɔ Amanyɔsɛm mu nyansapɛ mu wɔ Ghana Suapɔn, Legon-Ghana; Master of Arts wɔ Amanaman Ntam Nsɛm mu (African Studies) abodin krataa wɔ Ohio Sukuupɔn, U.S.A., Master of Public Administration abodin krataa wɔ Ohio Sukuupɔn, U.S.A.; Ɔnyaa Amanyɔsɛm mu Ɔbenfoɔ Abodin krataa wɔ West Virginia Suapɔn, U.S.A. ne Nyansapɛ mu Oduruyɛfoɔ wɔ Amanyɔsɛm mu abodin krataa wɔ West Virginia Suapɔn, U.S.A.

Nnwoma Ahorow[sesa]

Watintim nsɛm pii wɔ nsɛmma nhoma ahorow a agye din mu na ne nhwehwɛmu no twe adwene si ɔmanfo akwahosan ne tawa ano aduru ho nhyehyɛe, ɔmanfo adwumayɛ, petroleum ne ahoɔden amammuisɛm ne nhyehyɛe so; demokrase ne demokrase a wɔde di dwuma.

  1. Profile of Prof. Edward, Brenya - Staff Web Directory, KNUST, retrieved 2023-04-20