Paul Tagoe

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Paul Nii Teiko Tagoe yɛ kane Ghanani amnyoni. Ɔsoom sɛ ɔman Soafo ne mmarahyɛ baguani wɔ Ghana adehyeman. Ɔyɛ kane Soafo ɔhwɛ Nkran Mantam no mu so, mmrahyɛkuo me kyerɛwfo a odikan ne mmarhyɛ baguani a ogyina ho ma Ga Nkurase abatoɔ mpesoa so.

Ne mmɔfrase ne Nhomasua[sesa]

Wɔ woo Tagoe wɔ January da a ɛtɔ 6, afe 1914 mu wɔ Nkran. Ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Methodist School a ɛwo Kofiridua. Akyire, ofirii hɔ kɔɔ Bisho School a ɛwɔ Nkran. Ɔtoaa so kɔɔ Government School ne Christ Church Grammar School. Ɔkɔɔ ntoaso sukuu a ɛne Accra Academy..

Nnwuma[sesa]

Owie ntoaso sukuu no, Tagoe nyaaa adwuma wɔ O’Reilly nhomsuabea. Ɔde mfie kakra bi kyeree ade na ogyae kɔyɛɛ adwuma foforo wɔ nnufaribea. Ɔyɛɛ adwuma no mfie kakra bi na ogyae adwuma no too hɔ de ne ho kɔhyee asrafo nwuma mu. Wɔde no kaa kuo a ɛne Royal Pay Corpse. ɔyɛɛ adwuma wɔ asraafo adwuma no mu kosii afe 1947 mu bre a woguu kuo a na ɔwɔ mu no. wɔ afe 1948 mu no, Tagoe de no ho kɔkaa adwumakuo a ene Cocoa Marketing Board (amanone dea). Wɔ afe 1952 mu no, Tagoe kɔyɛɛ adwuma wɔ adwumakuo a wɔtɔ kookoo mu.  Ɔyɛɛ adwuma mfie miensa akyi no, wɔmaa ne dibea so yɛɛ no Mantam mu ɔhwɛfo. Wɔ afe 1956 mu no, adwumakuo no gui no Paul Tagoe hweree n’adwuma. Wɔ afe 1960 mu no, onyaa adwuma wɔ adwumakuo a ɛne Ghana Supply Commission sɛ ɔhwɛfo a ɔda dwadie ano, na okuaaa saa dibea kosii afe 1963.

Amanyɔsɛm[sesa]

Bre a akasaksa kɔɔ so amanyɔkuo mu wɔ afe 1940 mu no, Tagoe kɔdɔɔm amanyɔkuo Conventions People’s Party (CPP) na wɔpaw no sɛ ɔkyerɛwfo ma Nkran nkorabata.  Wɔ afe 1952 mu no, onyaa adwuma sɛ ankore ɔkyerɛwfo maa kane Soafoa ɔhwɛ adwadie so. Ɔyɛɛ saa adwuma yi bosome 10 ansana ɔde ne ho kɔdɔɔm adwumakuo a wodi kookoo ho dwumadie no. akyire, onyaa adwuma se ankore ɔkyerɛwfo maa kane Soafoa a ɔhwɛ Apue Mantam mu a ne din de Emmanuel Humphrey Tettey Korbe. Bosome du akyi no, ɔbɛyɛɛ dɔm anoboaboafo abediakyire maa amnyɔkuo a ɛne CPP. Wɔ afe 1963 mu bre a Tawia Adamfio hwere mmarahyɛ agua no denam owuo ho soboɔ a wɔde bɔɔ no, Tagoe sii n’anan mu se mmarahyɛ baguani a ogyina homa Nkran Nkurase abatoɔ mpɛsoa so. Wɔ August afe 1964 mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔwhɛ Nkran Mantam no so (Soafo soronko a ɔhwɛ Nkran nkurase). Wɔ afe 1965 mu no, wɔpaw no see mmarahye bagua mu kyerewfo a odi kan. Ɔsoom wɔ saa dibea yi kosii afe 1966 bre awotuu Nkrumah Aban gui.

Ne ho nsɛm[sesa]

Tagoe waree Matilda Quacoo a na ɔyɛ nsuomunamtonfo wɔ afe 1939 mu nanso, awaree no gui wɔ afe 1957 mu a na wɔn awo mmɔfra nnan. ɔwaree ne mprɛnaso; Afua Amartey wɔ afe 1939 na saa awareɛ yin so gui wɔ afe 1959 mu bre a ɔne no woo mmɔfra mienu. Wɔ afe 1960 mu no, ɔwaree ɔkyerekyerefo e dwadinibaa a ne din de Patience Omolora Davies. Ɔne no woo mmɔfra 7 na ɔne no tenae kosii se Patience wui wɔ afe 1989 mu. Tagoe wui wɔ mfie mienu akyi.

Nkekaho[sesa]