Paul Essien

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Paul Essien
Member of the Ghana Parliament
for Jomoro Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2017
OdikanfoFrancis Kabenlah Anaman
Ne ho asɛm
Awo bere8 July 1975 (1975-07-08) (age 48)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

Paul Essien yɛ Ghanaamannyɔni ne mmarahyɛbadwani a na ɔka mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nan no mu ni a ɔgyinaa Jomoro Mansini a ɛwɔ Atɔeɛ Mantam no mu no ananmu wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[1]

Nwomasua[sesa]

Ɔkɔɔ Nass Senior High School nyaa ne Ordinary level adansedie krataa, na ɔnyaa ne Advanced Level no ɔtu kɔɔ Nsein Senior HIgh School. Ɔsan nso wɔ Bachelor Science abodin krataa wɔ Akontaabu mu wɔ Cape Coast Sukuupɔn mu. Ansa na ɛno reba no Essien, na wanya Ɔman Diploma a Ɛkorɔn (HND) afiri Takoradi polytechnic a mprempren ɛyɛ Takoradi Technical University.[2] Ɔyɛɛ ne ɔman som a ɛyɛ ahyɛdeɛ wɔ GRA (VAT) firi afe 2007 kɔ si afe 2008.

Adwuma[sesa]

Essien yɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ n’adwuma mu. Ɔkyerɛɛ adeɛ sɛ akontabuo kyerɛkyerɛfoɔ berɛ a na ɔresom sɛ form master ne agodie kyerɛkyerɛfoɔ wɔ Annor Adjaye Senior High School firi afe 2008 kɔsi afe 2016. Ɔyɛ mantam agodie Titenani firi afe 1998 kɔsi afe 2003.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Essien yɛ ɔsono amanyɔkuo NPP no mu ni. Ɔyɛ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nan no mu mmarahyɛbadwani a na ɔka mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so nson no ho a ɔgyina Jomoro Mansin no ananmu. Ɔdii nkonim wɔ mmɔdenbɔ mu sɛ ɔbɛgyina mansin no ananmu berɛ a ɔdii nkonim wɔ afe 2016 mmarahyɛ badwa ne ɔmampanyin abatoɔ no mu. Ɔdii nkonim wɔ abatoɔ a wɔdii kan denneennen mu tiaa Thomas Elleamo Yankey a ɔfiri National Democratic Congress ne Samia Yaaba Christina Nkrumah a ɔfiri Convention People’s Party a ɔyɛ kan mmarahyɛbadwani (2009-2013) na ɛba sɛ ɔyɛ Ghana ɔmampanyin a ɔdi kan no babaa Kwame Nkrumah na ɔkyerɛwee. ɔdii nkonim bere a ɔnyaa abatoɔ no mu mma 18,694 a ɛgyina hɔ ma 39.49%, bere a Thomas Yankey ne Samia Nkrumah nyaa abatoɔ no mu mma 14,241 a ɛgyina hɔ ma 30.08% ne abatoɔ 9,714 a ɛgyina hɔ ma 20.52%.[6]

Essien som wɔ Adwadie, Nnwuma ne Nsrahwɛ badwakuo ne Atemmu badwakuo mu wɔ mmarahyɛbadwakuo a ɛto so nson (7) no mu.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  2. 2.0 2.1 Paul Essien, Biography, retrieved 2023-10-02