Patricia Ofori

Ɛfi Wikipedia

Patricia Ofori (9 June 1981 – 20 April 2011) yɛ Ghana bɔɔlbɔni a ɔbɔɔ bɔɔl maa Ghana mmaa ɔman kuo no.

Mfitiase asetra[sesa]

Wɔtetee Ofori wɔ Accra .

Kɔlege adwuma[sesa]

Ofori akɔ Alabama A&M Sukuupɔn a ɛwɔ United States.

Club adwuma[sesa]

Ofori abɔ bɔɔl ama Mawuena Ladies wɔ Ghana.

Amanaman ntam adwuma[sesa]

Ofori yɛ Ghana mmaa ɔman bɔɔlbɔ kuo no muni firi afe 2003 kɔsi afe 2007. Na ɔka kuw no ho wɔ 2003 FIFA Mmea Wiase Kupɔn ne 2007 FIFA Mmea Wiase Kupɔn mu .

Owuo[sesa]

Ofori wui wɔ 20 April 2011 wɔ kar akwanhyia mu. Ne Ford Mustang no ne Toyota Tacoma bi bɔɔ wɔ Patterson Lane ne Pulaski Pike ntam wɔ Meridianville mpɔtam hɔ. Wɔsiee no wɔ Accra, Ghana wɔ Ayɛwohomumɔ 2011 awieeɛ.

Hwɛ nso[sesa]

Ghana mmaa amanaman ntam bɔɔlbɔfoɔ din

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]