Jump to content

Pamidronic acid

Ɛfi Wikipedia

Pamidronic acid, pamidronate disodium anaa APD (a wɔde edin Aredia ne deɛ ɛkeka ho na ɛtɔn), yɛ nitrogen-containing bisphosphonate aduro a wɔde sa nnompe mu yareɛ osteoporosis.

Wɔyɛɛ no afe 1971 mu na wɔgye tomm wɔ ayaresa mu wɔ afe 1987 mu.

Ne dwumadie wɔ ayaresa mu

[sesa]

Wɔde aduro yi sa nnompe mu yareɛ ɛkanka berɛ a ɔyarefoɔ no nnompe rewe no. Wɔsane de tenetene nnompe berɛ a obi anya Paget yareɛ no bi na afei wɔde di dwuma wɔ bone disorder osteogenesis imperfecta.

Nhwehwɛmu ama no ada adi sɛ, aduro yi wɔde te yaw so a yɛfrɛ no complex regional pain syndrome.

Ɔhaw a ɛtumi de ba

[sesa]

Aduro yi nso tumi de ɔhaw pii ba ɔyarefoɔ no so. Yei bi ne nnompe mu yaw, ani so wosiwosi yɛ, ani so birim yɛ ne afoforɔ pii a ɛkeka ho.