Jump to content

Palm nut

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Abɛdua ka Arecaceae abusuakuo ho, a ɛno nko ne abusuakuo a ɛwɔ Arecales ne perennial lianas ho.Abɛdua no yɛ dua a ɛgyina hɔ baako a ɛwɔ mman beberee na ayɛ sɛ papa na ahyehyɛ atwa ne ho ahyia. Abɛdua no bi wɔ hɔ a, ɛnyini tententen,ɛbi wɔ hɔ nso a ɛnwa pii.[1]

Yɛwɔ abɛdua ahodoɔ bɛboro mpem mmienu ne ahanson aduonum wɔ wiase afanaa nyinaa.Na mpɛn pii no ɛnyini wɔ beaeɛ a ɛhɔ yɛ nwunu kakra bɛyɛ sɛ 30N ne 30S ntam a nsuo nso tɔ wɔ hɔ afe biara.Wɔnyini wɔ akwan ahodoɔ so(wɔnyini kusuu).[2]Wɔtumi nso nyini wɔ mmepɔ a ɛboro 1000mita so.[3]

Sɛdeɛ Ɛnyini

[sesa]

Adɛdua tumi nyini bɛyɛ mita aduasa(30m), Ɛwom,beberee wɔ hɔ a ɛnyini bɛyɛ mita du de kɔsi dunnum. Sɛ afei na ɛrenyini a ne mman no ahosuo yɛ ahabanmono nanso sɛ ɛnyini a n’ahaban no bɛyɛ hoyaa.[4]Sɛ afei na ɛrefefɛ a,n’ahaban no nyini teaa wɔ mfinfini(ɛno na wɔfrɛ no mmerɛnkɛnso) nanso sɛ ɛrenyini a, na n’ahaban no retrɛ.[5]Ne nhwiren no yɛ nketewa, na ɛyɛ fitaa a ahyehyɛ wɔ n’abena no so a wɔfrɛ no spadix a ne nhwiren a ɛyɛ ɔbaa ne barima no nyinaa wɔ so bi.[6]N’aduaba no yɛ ketewa bi saa te sɛ kube,nanso aduaba no bi wɔ hɔ a ɛtumi so mmɔho mmɔho.

Ne Dwumadie

[sesa]

Abɛdua di dwuma pii.[7][8]Ɛbi ne:

  • Wɔto abɛdua no de yi nsa te sɛ nsafufuo ne apeteshie.
  • Wɔde yɛ abɛnkwan.
  • Wɔde yi ngo.
  • Wɔde n’aduaba no yɛ adwongo.
  • Wɔde ne nhwiren no yɛ prayɛ.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Palm | Identification, Planting & Maintenance | Britannica (in English), 2025-05-30, retrieved 2025-07-15
  2. Explore Palm Trees with All About Palm Trees | Your Ultimate Palm Tree Guide | Discover Rare Palm Tree Types (in English), retrieved 2025-07-15
  3. Palm Tree Definitions and Facts, retrieved 2025-07-15
  4. Palm trees, retrieved 2025-07-15
  5. 10 Tampa Bay (2020-02-19), 10 facts you probably didn't know about palm trees, retrieved 2025-07-15
  6. Palm Tree Facts You Didn’t Know (in American English), retrieved 2025-07-15
  7. kablooeymonsters (2021-11-16), 8 Fascinating facts about Palm Trees • Plantland (in English), retrieved 2025-07-15
  8. 10 Surprising Facts About Palm Trees (in English), retrieved 2025-07-15