Osibisa

Ɛfi Wikipedia
Osibisa
subclass ofprocess Sesa
has useauthentication Sesa
useslogin Sesa
Stack Exchange taghttps://stackoverflow.com/tags/login Sesa
opposite oflogout Sesa

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

OsibisaGhana-Britain Afro-Rock nnwomtofoɔ kuo a Abibirem Atɔeɛfoɔ nan ne Carribbean nnwomtofoɔ mmiɛnsa na tee wɔ London abrokyire man mu wɔ afe apem ɔha nkron ne aduosia akyi mu[1].

Na Osibisa yɛ nnwomtoɔ kuo a akyɛre yie na ɛdi nkunim wɔ Abibifoɔ-Agyapadeɛ kuo a ɛwɔ London abrokyire man mu, a na wɔn mfɛfoɔ Assagai, Chris McGregor's Brotherhood of Breath, Demon Fuzz, Black Velvet ne Noir ka ho na wɔmaa wiase nnwomto ne Afro-Rock bɛyɛɛ nnwomtokuo a wɔtɔn.

Nnwomtokuo mmiɛnsa a ɔdikan de wɔn ho hyɛɛ nnwom mu no wɔfrɛɛ no Beatiful Seven.

Abakɔsɛm[sesa]

Wɔ Ghana mu wɔ afe apem ɔha nkron ne aduonum mu no Teddy Osei(saxophone), Soloman(sol) Amarfio(drums), Mamon Shareef ne Farhan Freere(flute) bɔɔ Highlife kuo a wɔfrɛ no The Star Gazers[2]. Wɔfirii hɔ de wɔn ho kɔ tee Comets ne Osei's nuabarima Mac Tontoh bɔɔ totorobɛnto nnwom "(I Feel) Patapata" a ɛhyitaeɛ wɔ Abibirem Atɔeɛ wɔ afe apem ɔha nkron ne aduonum nnwɔtwe mu. Wɔ afe apem ɔha nkron ne aduosia mmienu mu no Osei tu kɔɔ London kɔsua nnwom wɔ Ghana aban ntoboa so. Wɔ afe apem ɔha nkron ne aduowɔtwe nan mu no wɔtee Cat's Paw "World Music" kuo a edikan a ɛka Highlife,Rock ne Soul ho. Wɔ afe apem ɔha nkron ne aduosia nkron mu no Osei ka maa Amarfio ne Tontoh bɛkaa ne ho wɔ London abrokyire man mu na wɔtee Osibisa.

Wɔn a wɔbɛkaa Ghanafoɔ no ho no ne Antiguan Wendell (Dell) Richardson a (ɔdi gyitar ne nnwomtofoɔ no anim) Alatani Lasisi Amao(Percussionist ne Tenor Saxophone). Grenadian Roger Bedeau a wɔsane frɛ no Spartacus R(Bass) ne Trinidadian Robert Bailey(Keyboards).

Wɔ afe apem ɔha nkron ne aduoson mu no ɛkuo no tutuu akwan kɔɔ aman bi te sɛ Japan, Australasia, India, ne Abibirem. Saa berɛ no na Paul Golly(Guitar) ne Ghanafoɔ Daku Adams"Potato"ne Kiki Gyan nso ka kuo no ho bi. Wɔ afe apem

ɔha nkron ne aduowɔtwe mu no Osibisa dii dwuma soronko wɔ Zimbabwe faahodie afahyɛ mu ɛna afe apem ɔha nkron ne aduowɔtwe mmiɛnsa mu no wɔkyeree wɔn guu sini mu wɔ Marquuee Club a ɛwɔ London nanso saa berɛ no na wɔyɛ abusua a wɔbɛn wɔn a wɔdikan ho.

Nsakyeraeɛ baa nnwomtoɔ mu no dwadie annwomtofoɔ no tɔɔn wɔn nnoɔma , ɛkaa wɔn ma wɔsesaa wɔn agyinatufoɔ. Na ɛkuo no sane baa Ghana bɛtee kaseɛbɔ dan ne asaase a wɔhwɛ ma wɔn a wɔdi agorɔ no.

Adwuma no kɔɔso wɔ nnwumakuo foforɔ a wɔdaan wɔn adi wɔ afe apem ɔha nkron ne aduokron nsia mu a ɛwɔ Monsore mu, a ɛdikan a wɔyii nnwumakuo foforɔ adi firii afe apem ɔha nkron ne aduowɔtwe mu. Akuo no nyaa ahoɔden no wɔtuaa akwantuo no toatoaso kɔsii sɛ Osei bubu kuu dam mfeɛ du num akyi. Osei yareɛ no nti ɔtwaa n'akwantuo no so.

Adwinni Adwuma[sesa]

NNWOM

Wɔde Osibisa animuonyam maa no sɛ ɔde Abibirem nnwom baa Europe ne Amerika Atifi atiefoɔ nkyɛn de nam Abibirem ne Atɔeɛ nnwom ahodoɔ a wɔde afrafra no[3]. Kuo no su ka nnoɔma bi a ɛfa Rock, Proggresive Rock, Acid Rock, Latin, Jazz, Afro-Funk, Jazz Fusion, Soul, Highlife, Reggae, Calypso ne Pop. Wɔkyekyɛɛ saa ɔkwan yi mu sɛ Afro Rock, Progressive Rock, Afro Pop ne Highlife. Mystic Energy huu sɛɛ nnwomtofoɔ no retwe wɔn ho afri nnwomtoɔ no mu akɔpɛ R & B Dance Pop ne Disko.

Nnoɔma Mmobɔwee

Wɔn nnwom mmienu a edikan no mu na wɔnyaa mfonini a ɔdeyɛ adwuma no wɔ Progressive-Rock sankubɔfoɔ Roger Dean(ansa na ɔbɛyɛɛ obi a w'agye din wɔ adwuma no mu) a na ɛkyerɛ asono a wɔtu a ɛbɛyɛɛkuo no ahyɛnsodeɛ. Nnowma a ɛtɔso mmiɛnsa a wɔato ne din Heads no, Mati Klarwein n'atwerɛɛ a na ɛde Santana's Abraxas ne Miles Davis(Bitches Brew). Osibirock kuo no nnwom dan a ɛtɔso nsia a wɔdaa no adi no na Henri Rousseau de Negro Attacked by a Jaguar dii dwuma wɔ afe apem ɔha nkron ne du mu. Wɔde dwuma ɔsono a ɛtu mmrika no ho The Ultimate Collection so no wɔ asono a wɔasiesie wɔ ho ama ahodoɔ a w'asiesie no sɛ Roger Dean adwene a w'asan de too dwa wɔ dwumadie no mu. Wɔ mfe mpem mmienu ne nkron mu no wɔn Osee Yee nnwom no sane yii ɔsono a ɔretu no biom a saa berɛ yi Freyja Dean(Dean's daughter) na too mfonini no.Roger Dean ahyɛnsodeɛ a ɛwɔ kuo no mu no da so di dwuma wɔ nnwom a ɔde di dwuma no mu pii. Frank McPartland ne Rachel Gutek n'ayɛɛ nnwom no ho mfonini no.

Annwomtofoɔ[sesa]

*Teddy Osei(1937)-nnwomtofoɔ kandifoɔ, saxophone, flutes, percussion.

*Mac Tontoh(Kweku Adabanka Tonto, 1940-2010)-trumpet, horns, percussion

*Sol Amarfio(1938-2022)-drums, percussion.

*Robert Bailey-keyboards, percussion.

*Wendell(Dell)Richardson-guitars, nnwomtofoɔ kandifoɔ, percussion.

*Abdul Loughty Lasisi Amao(ɔwuu 1988)[4]-flute,vocals,percussion.

Nnwom ho nsɛm[sesa]

STUDIO Nnwom ho nnoɔma

*1971 – Osibisa – (Billboard Hot 200 No. 55 – UK No. 11 – Can.#47, AUS #13[5])

*1971 – Woyaya – (Billboard No. 66 – UK No. 11 – Can.#61, AUS #15[15]) - Although conventionally spelled Woyaya, the title is actually Wɔyaya (with an open-o), which comes from the Ghanaian Ga language.[citation needed]

1972 – Heads – (Billboard No. 125 – Can.#86, AUS #19[15])

1973 – Superfly T.N.T. Soundtrack (Billboard #159)

1973 – Happy Children (Billboard #202, AUS #46[15])

1974 – Osibirock (Billboard #175, AUS #67[15])

1975 – Welcome Home (Billboard #200, AUS #75[15])

1976 – Ojah Awake

1979 – Mystic Energy

1980 – Celebration

1981 – African Flight

1983 – African Dawn (unreleased)

1989 – Movements

1995 – Monsore

1998 – Urban Village (unreleased)

2003 – African Dawn, African Flight

2009 – Osee Yee

2021 – New Dawn[[6]]

LIVE ALBUMS

1977 – Black Magic Night: Live at the Royal Festival Hall

1982 – Unleashed - Live in India

1984 – Live at The Marquee

1998 – Live at Cropredy

2001 – Aka Kakra

2005 – Blue Black Night

COMPILATIONS

1972 – Spirits Up Above

1973 – Best of Osibisa (AUS #88[15])

1981 – Osibisa Likes (India only)

1990 – African Criss Cross

1992 – Africa We Go Go

1992 – Uhuru

1992 – The Warrior

1992 – Ayiko Bia

1992 – Jambo

1992 – Gold

1992 – Celebration: The Best of Osibisa

1992 – Criss Cross Rhythms

1994 – The Very Best of Osibisa

1997 – Hot Flashback Volume 1

1997 – Sunshine Day: The Very Best of Osibisa

1997 – The Ultimate Collection (2 CDs)

1999 – The Best of Osibisa

2001 – Best of Vol.1

2001 – The Very Best of Osibisa (3 CDs)

2002 – Millennium Collection

2002 – Best of Osibisa

2004 – Wango Wango

2008 – Selected Works

2008 – Sunshine Day: The Hits

2009 – The Very Best of Osibisa

2015 – Singles As, Bs & 12 Inches Box Set (4xCD)

2020 – Sunshine Day: The Boyhood Sessions (50th Anniversary Edition)

CONTRIBUTING ARTIST

2013 – The Rough Guide to African Disco

Mfonini Ho Nnoɔma[sesa]

1983 – Warrior (VHS) (recorded 5 April 1983 at the Marquee Club, London)

2003 – Osibisa – Live (DVD Plus) (same show as above)

2012 – Live from the Marquee Club (same show as above)

Adwinni Ho Nsɛm[sesa]

1.Lloyd Bradley, Sounds Like London: 100 Years of Black Music in the Capital, 2013. (Contributors)

2.Charles Aniagolu: Osibisa – Living In The State Of Happy Vibes And Criss Cross Rhythms. Victoria (CDN): Trafford Publishing, 2004, ISBN 1-4120-2106-5.

3.Brigitte Tast, Hans-Jürgen Tast be bop – Die Wilhelmshöhe rockt. Disco und Konzerte in der Hölle, Verlag Gebrüder Gerstenberg GmbH & Co. KG,

Hildesheim, ISBN 978-3-8067-8589-0.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiɛ[sesa]

  1. Modern Ghana (18 April 2016), "Osibisa", modern ghana, p. 64
  2. "The Encyclopedia of Popular Music", Wikipedia (in English), 2023-01-25, retrieved 2023-05-27
  3. OSIBISA, retrieved 2023-05-27
  4. Abdul Lasisi Amao Biography, Songs, & Albums (in English), retrieved 2023-05-27
  5. "David Kent (historian)", Wikipedia (in English), 2023-05-19, retrieved 2023-05-27
  6. Kris Needspublished (2021-04-23), Osibisa - New Dawn review (in English), retrieved 2023-05-27

EXTERNAL LINKS[sesa]

1.http://www.osibisa.co.uk/

2.https://www.discogs.com/artist/101784

3.https://www.discogs.com/artist/101784.