Omiflo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Omfiflo yɛ adwumakuo bi a Owura bi a ne din de Mshila Sio a ɔfiri Kenya ayɛ. Adwumakuo yi nam abɛɛfo kwan so sɔne nsufi anaa nsubɔne so wɔ ɔkwan a ɛnyɛ den so. Wɔmfa nnoɔma wɔde sɔne nsuo so, nnuro anaa ahoɔden foforɔ biara nka ho. Mmom, wɔyɛ no wɔ ɔkwan bi a ɛnyɛ den koraa so. Sɛdeɛ wɔayɛ no ne sɛ, wɔaduadua mfifideɛ binom a ɛnyini wɔ nsuo mu, a ɛno na akɔyɛ biribi a ɛsɔne nsuo no so korɔgyenn. [1] [2] [3]

Abakɔsɛm[sesa]

Mshila Sio a ɔfiri Kenya na ɔhyɛɛ adwumakuo yi ase. Owura yi hyɛɛ adwumakuo no ase wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dumienu awieeɛ rekɔ mfeɛ mpem mmienu ne dumiɛnsa no mu hɔ. Ɔnyaa saa adwuma yi ho adwene berɛ a ɔkɔsraa n'abusuafoɔ wɔ Spain. Ɔka sɛ, "Mekɔhyiaa nnipakuo binom a na wɔnam akwan sononko binom rekyerɛ sɛdeɛ yɛbɛsiesie nsuo ne nsufi na ɛkaa m'akoma pa ara." Berɛ a ɔfiri Spain bɛduruu Kenya no, ɔne nnipa a ɔhyiaa wɔn wɔ Spain no kɔɔ so ara dii nsawɔsoɔ maa n'adaeɛso no baa mu. [4]

Sɛdeɛ ɔyɛɛ no[sesa]

Deɛ ɛdi kan koraa no, wɔhwehwɛ afifideɛ bi a ɛfata dwumadie no pa ara na wɔde ayɛ adwuma. Mfifideɛ nketenkete binom a wɔahyɛda aduadua wɔ nsuo mu no tumi ma nsuo no nkwa mframa a wɔfrɛ no 'Oxygen' no. Wɔ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkwa mframa a ɛwɔ nsu no mu no bɛdɔɔso. Bio, wɔsan de biribi a wɔfrɛ no 'phytofix' wɔ pɔtɔ kasa mu no yɛ adwuma na ɛ no na ɛboa ma afifideɛ akɛseɛ binom tumi tetɛ nsuo ani a ɛnkɔ aseɛ. Nsuo a wɔde di dwuma no bɛtumi ayɛ tadeɛ a nnipa ahyɛda ayɛ. Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, wɔgyina ɛsu ahodoɔ a ɛda adi wɔ nsufi ho no so na wɔayɛ tadeɛ no. Deɛ nti a wɔyɛ no saa ne sɛ, ɛsono nneɛma wɔde di dwuma no mu biara su. Sɛ wɔyɛ tadeɛ foforɔ biara a, wɔbɛtumi de 'Omiflo phytofix' no bi ahyɛ mu. [5]

Omiflo botaeɛ[sesa]

Omiflo ahyɛda ayɛ wɔn dwumadie no wɔ akwan sononko binom so a ɛgyina nneɛma nketenkete binom so. Saa nneɛma yinom bi ne, nsufi korɔ wde reyɛ adwuma, sɛde wɔbɛtumi de nsuo a wɔasɔne so no adi dwuma, ne nneɛma binom a ɛyɛ fɛ wɔ dwumadie no ho. [6]

Onipa a ɔde dwumadie yi baeɛ[sesa]

Mshila Sio yɛ Kenyani a ɔsɔne nsufi so ma ɛbɛyɛ nsu pa. [7] N’adwuma no din de Omiflo a ɛwɔ Kenya ahenkuro Nairobi mu. Wɔwoo Mshila wɔ Kenya ɛnna ɔkɔɔ sukuu wɔ Australiaman mu wɔ afe 2012/2013 mu. [8] [9]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]