Oku Ampofo

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Oku Ampofo (Amanase, November 4, afe 1908 – 1998) yɛ kane Ghanani dwomfoo. Ɔbɛyɛɛ Ghanani a odiikan nyaa aban mmoa de kosuaa aduruyɛ mu nimdeɛ.[1]

N'asetena mu[sesa]

Wɔ woo Oku Ampofo wɔ Amanase a ɛwɔ Akuapem. Osuaa nnuruyɛ wɔ suapɔn a ewɔ Edinburg ne Royal College of Edinburg wo ae 1933 kosii afe 1939 maa no nyaa nnuruyɛ ho abɔdin kraaa.[2]

Nnwuma[sesa]

Wɔ afe 1950 mu no, ɔhyɛɛ ase suaa sɛnea wɔde nhamamma yɛ nnuru.Wonnim no sɛ nea odikan de nhamamma yɛ ayaresa ho nneɛma. Ɔno ne adwumakuo a w’ato din Center for Scientific Research in Natural Medicine faebae.

Oku san nso yɛ ɔgodini ne boɔ dwumfoo. Ɔhyɛɛ boɔ dwumfo adwuma no ase bere a na ɔresua nnuruyɛ wɔ Edinburg no na akyire, ɔbegyee din wɔ ne man mu ne amanɔne nyinaa. Ɔwɔ boayɛkuo a w’ato din Oku Ampofo boayɛkuo a ɛhwɛ boa ma wɔyɛ mpontu nnwoma wɔ Ghana, ne titriw wɔ Mampong –Akuapem, beae a ɔyɛɛ nnuruyɛ adwuma no[3]. Ne boayekuo no boa ma woye nhwehemu wɔ nhammama nnuruye mu de saa nnyarewa pii wɔ Ghana, Abiberem atɔe ne a aman pii ahorɔw so. Ampofo wui wɔ afe 1998 mu.[4]

ɔboɔdwom adwuma[sesa]

Oku dwom nnuaden ne aboɔdwom ahorɔw. Onyaa ne nwuma nkanya firi ammamere ne ɔsom ahorɔw ne Ghanafo abrabɔ.[5]

ɔyikyerɛ[sesa]

ɔdaa ne nnwuma ahorɔw adi wɔ mmea pii a ebi ne Senegal, Nigeria, United States, Israel, Brazil ne Romania. Ne nwumaa nyaa Ghanafoo dwomfo, wɔn a wɔka nneam ho aduro, dɔtenwenefo ne aboɔ dwomfo. Ɔde ne ho hyɛɛ dwumadie bi w’ato din Tendances et Confrontations a wɔn a wɔde saa dwumadie no sii hɔ ne Mondaial des Negres Festival wɔ Dakar, afe 1996 mu.[6]

Nkekaho[sesa]

  1. Archive copy, archived from the original on 2021-11-21, retrieved 2021-08-02{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://yen.com.gh/160165-meet-dr-oku-ampofo-renowned-ghanaian-physician-sculptor.html
  3. Archive copy, archived from the original on 2021-08-02, retrieved 2021-08-02{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Late-sculptor-and-Pan-African-Dr-Oku-Ampofo-visits-embassy-of-Ghana-in-Washington-DC-again-631776
  5. https://www.graphic.com.gh/features/opinion/dr-oku-ampofo-an-apostle-of-herbalism-a-man-of-many-talents.html
  6. https://books.google.com.gh/books?id=Yoz5HAAACAAJ&redir_esc=y