Nyansa nni obiakofo ti mu

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

Mmere bi, Kwaku Ananse faa nyansa se ope se odi obiara so na watumi asisi won agye won nneema afi won nsam a wonnhu ho hwee. Eyi nti ode mmrada ne nnaadaa gyigyee nnipa ne mmoa nyinaa nyansa na ode hyee kuku bi mu kyekyeree ano dendeenden senea ebeye a ebi rentumi mmpue.

Afei, oyee n'adwene ne se ode kuku a nyansa wo mu no beforo akosi dua nkon mu baabi a obiara rentumi nhu nkofa. Ode kuku no kyekyeree ne kon mu fii ase de foroo dua tenten bi. Oboo mmoden foroo kakra duu baabi, na afei aye den ama no a onhu nea onye.

Otare dua no ho rebre saa no, otee nne bi fi nwura no mu se "Papa, se wode kuku no sen w'akyi a anka wobetumi aforo dua no ntem." Ananse tee no ode ahoohare dan n'ani hwee nea orekasa no. Ommehwe a ne ba Ntikuma! Eyi maa Ananse huu see wantumi annye nyansa no nyinaa.

Ode abofuw ne animguase yii kuku no tow kyenee maa nyansa a ewo mu no nyinaa pue kohyehyee omanfo no nyinaa tim. Eno nti na nyansa wo obiara tim no.