Ntaafoɔ

Ɛfi Wikipedia

Ntaafoɔ yɛ mma mmienu a nyinsɛn baako de ba.[1] Ntaafoɔ tumi sɛ , na wɔn a ɔsɛ no, brɔfo kasa mu no ɔfrɛ wɔn 'Identical', ɛkyerɛ sɛ wɔn firi zagɔt baako mu. na emu kyɛ mmienu na abɛyɛ mma mmienu, wɔn a wɔn sɛ no nso ɔfrɛ wɔn wɔ brɔfo kasa mu 'non-identical anaa fraternal, wei kyreɛ sɛ ntaa no firi kosua ahodoɔ mmienu mu na pueɛ, nna barima no ho nsuo no, ebiaa pai kosua baako. Ɛnam sɛ ntaafoɔ a wɔn sɛ no firi zagɔt baako mu nti no, wɔn nyinaa taa yɛ mmarima anaa mmaa, ɛna ntaafoɔ a wɔn nsɛ no nso tumi yɛ saa anaa sɛ etumi sesa

Nkontabuo[sesa]

Wɔ afe apem aha-nkron aduowɔtwe (1980) kosi mfeɛ mpem mmienu ne nkron (2009) mu no, nnipa ntaafoɔ a na ɔwo wɔn no maa so kɔɔ ɔha nkyekyemu aduoson nsia (76%) wɔ United States, firi 9.4 kɔsi 16.7 ntaafoɔ (18.8 kɔsi 33.3 ntaafoɔ) wɔ awoɔ apem biara mu. Sɛ yɛkɔ abibirem wɔ Nigeria man mu a Yurobafoɔ no na ɛwɔ ntaafoɔ paa wɔ ewiase afanan nyinaa, 45-50 ntaafoɔ (90-100 ntaafoɔ) ne ntaafoɔ a wɔn enya sɛ ɛkɔba sɛ, wɔn wo apem a, ntaafoɔ a wɔn nya firi mu no no. Na ɛbɛfiri bayerɛ titire bi a wɔn taa di a ɛkura aduane nnuro bi a ɛma wɔ tumi to nkosua firi afa afa nyinaa.

Beaɛ a me nyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Medical Definition of Twin (medicinenet.com)