Nsu mu nwaw atiridii

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

Nhwɛsoɔ:Infobox disease Nsu mu nwaw atiridii, a wͻsan frε no schistosomiasis, yε yare bi a nsonsono bi a wͻte nipadua mu a wͻye nsonsono tratraa a a wͻfrε noschistosome de ba. Dwensͻtwaa no anaa obi nsono ho betumi aba asεm. Nsεnkyerεnne no bi ne ayaase yaw , ayamtu , mogya a εwͻ agyanan mu , anaa mogya a εwͻ dwensͻ mu . Wͻn a wͻanya yare yi bere tenten betumi anya berεbo mu haw , asaabo mu haw , awo a εmma , anaa dwensͻ kotoku mu kokoram Wͻ mmofra mu no, ebetumi ama wͻrennyin papa ne adesua mu haw .[1]

Yare no trεw denam nsu a εwͻ mmoawa no a εka obi. Mmoawa yi fi nsu mu nwaw a wͻwͻ mmoawa yi mu. Yare yi abu so wͻ mmofra a wͻwͻ aman a ehia wͻn mu esiane sε mmofra yi taa di agoru wͻ nsu a mmoawa yi wom mu. Afoforo a wotumi nya bi ne akuafo, apofofo, ne afoforo a wͻde nsu yi di dwuma.[1]Yare yi wͻ yare a nsonsono de ba .[2]Wͻnam nsonsono yi nkesua a wͻhwehwε wͻ obi dwensͻ anaa agyanan mu na εyε yare yi mu nhwehwεmu. Wobetumi nso ahu denam nipaduam nnuru a εko yare mu a wͻhwehwε wͻ mogya mu.[1]

Akwan a wͻfa so siw yare yi kwan bi ne nsu a emu tew a wͻde di dwuma ne nsu mu nwaw a wokum wͻn. Wͻ mmeae a yare yi abu so no, aduru praziquantel yε nea wobetumi de ama nnipakuw no. Wͻyε eyi de tew nipa a wͻanya yare yi dodow so, na εnam so asiw yare no trεw ano. Praziquantel ne aduru a Wiase Akwanhosan Ahyehyεde (WHO) akamfo de akyerε.[1]

Nipa bεyε ͻpepem ahanu ne du na wonyaa nsu mu nwaw atiridii(schistosomiasis) wͻ wiase nyinaa wͻ afe 2012 mu. [3] Nipa bεyε mpem dumien kosi[4] mpem ahanu na wͻfa mu wu afe biara.[5] Yare yi abu so wͻ Afrika, Asia ne Amεrika Anafo.[1] Nipa bεyε ͻpepem ahansͻn wͻ aman bεboro aduosͻn na wͻtete mmeae a yare yi abu so mu.[5][6] Wͻ aman a ͻhyew wom no, nsu mu nwaw atiridii na edi atiridii(ntontom de) akyi wͻ nyarewa a εtete saa mu a εde sikasεm haw ba.[7] Wͻakyerε sε nsu mu nwaw atiridii(schistosomiasis) yε yare a wͻabu ani agu so .[8]

Nsεm afoforo[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 "Schistosomiasis Fact sheet N°115". World Health Organization. 3 February 2014. Retrieved 15 March 2014.
  2. "Chapter 3 Infectious Diseases Related To Travel". cdc.gov. 1 August 2013. Retrieved 30 November 2014.
  3. Fenwick, A (Mar 2012). "The global burden of neglected tropical diseases". Public Health. 126 (3): 233–6. doi:10.1016/j.puhe.2011.11.015. PMID 22325616.
  4. Lozano, R.; Naghavi, M.; Foreman, K.; Lim, S.; Shibuya, K.; Aboyans, V.; Abraham, J.; Adair, T.; Aggarwal, R. (15 December 2012). "Global and regional mortality from 235 causes of death for 20 age groups in 1990 and 2010: a systematic analysis for the Global Burden of Disease Study 2010". Lancet. 380 (9859): 2095–128. doi:10.1016/S0140-6736(12)61728-0. PMID 23245604. {{cite journal}}: Unknown parameter |displayauthors= ignored (help)
  5. 5.0 5.1 Thétiot-Laurent, S. A.; Boissier, J.; Robert, A.; Meunier, B. (27 June 2013). "Schistosomiasis Chemotherapy". Angewandte Chemie International Edition in English. 52 (31): 7936–56. doi:10.1002/anie.201208390. PMID 23813602.
  6. "Schistosomiasis A major public health problem". World Health Organization. Retrieved 15 March 2014.
  7. The Carter Center. "Schistosomiasis Control Program". Retrieved 17 July 2008.
  8. "Neglected Tropical Diseases". cdc.gov. 6 June 2011. Retrieved 28 November 2014.

Nkyekyem:Gao lazamankwala