Nsakraeɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nsakraeɛ yɛ mmra kwan so nsesaeɛ a wɔyɛ wɔ Mmra adwuma mu, amammra anaa sɛ Mmra ho nkrataa. Yɛ nyaa no wɔ adeyɛ asɛm sesa mu a ɛkyerɛ sɛ sesa kɔ deɛ ɛyɛ mu. Nsakraeɛ bɛtumi ayɛ sɛ wode biribi reka ho, woreyi biribi afiri mu anaa worepagya nhyehyɛeɛ bi mu.[1] Wɔtaa de yɛ adwuma sɛ ɛho hia sɛ wɔsesa nkrataa sene sɛ wɔbɛtwerɛ foforɔ a. Mmrahyɛbadwafoɔ nko ara na wɔyɛ nsakraeɛ adwuma yi.[2]

Deɛ ɛwɔ mu[sesa]

  • Nhyehyɛeɛ
  • Mmra
  • Mmra yɛ
  • Amammra
  • Bea Menyaa mmoa firiiɛ

Nhyehyɛeɛ[sesa]

Wɔtaa sakra nhyehyɛeɛ mu sɛ adwadie nkɔso yie a. Nhwɛsoɔ nhyehyɛeɛ sɛ wode biribi bɛkɔ akɔ ama ɔdetɔfoɔ bi bosome biara Wobɛtumi ayɛ nsakraeɛ sɛ ɔdetɔfoɔ no pɛ sɛ wɔdeberɛ no nnaawɔtwe biara a. Nhyehyɛeɛ taa gu ahodoɔ wɔ ɔman nkankɔ mu, sɛ ebia ''Treaty of Versailles''. [3]

Mmra[sesa]

Mmra yɛ[sesa]

Ɛwɔ mmrahyɛbadwam dwumadie mu, asɛm a ɛda bama so no yɛ obi nsusueɛ. Nsɛmfua a ɛwɔ saa asɛm no mu wɔtumi sesa no. Nsakraeɛ no bɛtumi ayi asɛmfua no bi afiri mu, de bi aka ho anaa asesa no koraa. Wɔbɛtumi asses nkrataa no nyinaa anaa binom. [4] Wɔbɛtumi asesa nsakraeɛ binom.

Amammra[sesa]

Amammra Nsakraeɛ

Amammra a wɔayɛ nsakraeɛ wɔ mu na agye din pa ara ne Ɔman United State Amammra nsakraeɛ a wɔdii kan yɛeɛ a ɔde faahodie wɔ kasa mu, Ɔsom mu, Nsɛm twerɛfoɔ faahodie ne ɔyɛkyerɛ ho faahodie no. Ɛna nsakraeɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Ireland amammra mu a Ɛmaa wɔtumi kɔ kaa 'European Union' kuo no ho. Afei nso nsakraeɛ a German amammra no wɔyɛeɛ na ɛde kaa German bɔɔmu bio wɔ afe apem ahenkron aduokron mu. Aman a wɔayɛ Amammra nsakraeɛ ne Australia— ɛwɔ sɛ mmrahyɛbadwafoɔ afanu no nyinaa gye tom anaa sɛ mmrahyɛbadwa ne ɔman mu no nyinaa to aba gye tum.[5][6]

Bea Menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://www.merriam-webster.com/dictionary/amendment
  2. https://quizlet.com/95304023/bill-of-rights-flash-cards/
  3. "Archive copy". Archived from the original on 2014-12-05. Retrieved 2022-07-08.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. https://en.wikipedia.org/wiki/Special:BookSources/978-0-306-82020-5
  5. http://constitution.findlaw.com/amendments.html
  6. https://web.archive.org/web/20191221183033/https://www.constitution.org/cons/germany.txt